Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 8:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na ɔman no ampene sɛ wɔtie Samuel, na wɔkaa sɛ: Dabi, na ɔhene ara na ɔnni yɛn soɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na ɔman no ampene sɛ wɔtie Samuel, na wɔkaa sɛ: Dabi, na ɔhene ara na ɔnni yɛn soɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Nanso ɔmanfo no antie Samuel kɔkɔbɔ no. Asɛm a wɔkae ara ne se, “Yɛpɛ ɔhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Nanso, ɔmanfoɔ no antie Samuel kɔkɔbɔ no. Asɛm a wɔkaeɛ ara ne sɛ, “Sɛ ɛte sɛn koraa a, yɛpɛ ɔhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na ɔman no ampene sɛ wotie Samuel, na wɔkae sɛ: Dabi, na ɔhene ara na onni yɛn so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 8:19
9 Iomraidhean Croise  

Nanso wɔantie, na Manase de wɔn yerae maa wɔyɛɛ bɔne sene amanaman a AWURADE sɛee wɔn firii Israel soɔ no.


Nanso me man antie me nne, na Israel ampene me.


Na megyaa wɔn wɔn akoma denyɛ mu, maa wɔnantee wɔn ara tirim agyina a wɔtuiɛ mu.


me nso mɛyi amaneɛ bi mama wɔn, na mede deɛ wɔsuro aba wɔn so, ɛfiri sɛ mefrɛe, na obiara annye so, mekasae, na wɔantie, na wɔyɛɛ m’ani so bɔne, na deɛ mempɛ no na wɔyiiɛ.


Asɛm a woreka akyerɛ yɛn AWURADE din mu yi, yɛrentie wo,


Na afei, ɛsiane sɛ moayɛ yeinom nyinaa, AWURADE asɛm nie, na matua nhema makasa makyerɛ mo, makasa na moantie, na mafrɛ mo nso na moannye soɔ nti,


Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛdeɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔatie wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anomu adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredie; wɔn akoma di wɔn mfasoɔ akyi.


Sɛ woduru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so na wofa tena so, na woka sɛ: Mɛsi me so hene sɛ amanaman a wɔatwa me ho ahyia no nyinaa a,


Na mohunuu sɛ Amonfoɔ hene Nahas reba mo soɔ no, moka kyerɛɛ me sɛ: Dabi, na ɔhene mmɛdi yɛn so, berɛ a na AWURADE mo Nyankopɔn ne mo hene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan