Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 8:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔkaa sɛ: Yei ne ɔhene a ɔbɛdi mo soɔ no atemmudeɛ: Ɔbɛfa mo mmammarima de wɔn akɔ ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ mu, na wama wɔatu mmirika adi ne nteaseɛnam anim sɛ awɛmfoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔkaa sɛ: Yei ne ɔhene a ɔbɛdi mo soɔ no atemmudeɛ: Ɔbɛfa mo mmammarima de wɔn akɔ ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ mu, na wama wɔatu mmirika adi ne nteaseɛnam anim sɛ awɛmfoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Sɛɛ na ɔhene ne mo bɛtena. Ɔhene bɛtwe mo mmabarima na wama wɔde ne nteaseɛnam ne apɔnkɔ asom, na wama wɔn atu mmirika adi ne nteaseɛnam anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Sei na ɔhene ne mo bɛtena. Ɔhene bɛtwe mo mmammarima akɔfra nʼasradɔm mu, na wɔama wɔn atu mmirika adi ne nteaseɛnam anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi ne ɔhene a obedi mo so no apɛde: Ɔbɛpaw mo mmammarima de wɔn akɔ ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo mu, na wama wɔatu mmirika adi ne nteaseɛnam anim sɛ n’awɛnfo

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 8:11
14 Iomraidhean Croise  

Na yei akyiri no, Absalom siesiee teaseɛnam ne apɔnkɔ fae, ne mmarima aduonum a wɔbɛwɛn no.


Na Hagit ba Adoniya maa ne ho so kaa sɛ: Me na mɛdi hene. Na ɔsiesiee nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne mmarima aduonum a wɔbɛbɔ ne ho ban.


Na Salomo boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ano, na ɔnyaa nteaseɛnam apem ne ahanan ne apɔnkɔsotefoɔ mpemdumienu, na ɔde wɔn duaduaa nteaseɛnam nkuro mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem.


Na mmeranteɛ a wɔne no nyiniiɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sei na ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, yɛ no hare ma yɛn no, sei na ka kyerɛ wɔn: Me kɔkorɔmmɔto so sene m’agya asene,


W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, afei yi w’agya ɔsom denden ne ne kɔnnua duruduro a ɔde too yɛn soɔ no so ma no nyɛ hare, na yɛnsom wo.


Na Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyɛɛ awɛmfoɔ a wɔhwɛ ahemfie pono ano no so asafohene nsa.


Na AWURADE nsa baa Elia so, na ɔbɔɔ n’abɔsoɔ tuu mmirika dii Ahab anim de kɔduruu sɛ wɔrehyɛne Yesreel.


Ɛnna Samuel kaa ahennie no ho nhyehyɛɛ kyerɛɛ ɔman no, na ɔtwerɛ hyɛɛ nwoma mu de too AWURADE anim. Na Samuel gyaa ɔman no nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn afie.


Na ɛko denden daa Filistifoɔ so Saulo nna nyinaa. Na sɛ Saulo hunu ɔbarima hoɔdenfoɔ biara anaa obiara a ɔyɛ nnam a, ɔkɔfa no ba ne nkyɛn.


Na Saulo ka kyerɛɛ n’asomfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Mo Benyaminfoɔ, montie! Yisai ba no nso bɛmema mo nyinaa mfuo ne bobe nturo na ɔde mo nyinaa asisi mpempem so asafohene ne ɔha ha so asafohene?


Enti, afei tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, na kyerɛ wɔn ɔhene a ɔbɛdi wɔn soɔ no atemmudeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan