Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 7:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Samuel faa odwanten ba a ɔnum de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu maa AWURADE; na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Samuel faa odwanten ba a ɔnum de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu maa AWURADE; na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Enti Samuel faa oguan ba a onnyinii de ne mua no bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfo, na Awurade tiei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Enti, Samuel faa odwan ba a ɔnyiniiɛ de ne mua no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfoɔ, na Awurade tieeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Samuel faa oguanten ba a onum de no bɔɔ ɔhyew afɔre mu maa AWURADE, na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 7:9
16 Iomraidhean Croise  

na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Mose ne Aaron wɔ n’asɔfoɔ mu, na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu, wɔfrɛɛ AWURADE, na ɔgyee wɔn so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel mpo bɛgyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; yi wɔn firi m’ani so na ma wɔnkɔ!


Nantwie, odwanten anaa abirekyie, sɛ wɔwo no a, ɔntena ne na ase nnanson, na ɛfiri da a ɛtɔ so nwɔtwe de rekorɔ no, wɔde yɛ ayɛyɛdeɛ ma AWURADE gya afɔdeɛ a ɛbɛsɔ ani.


Ɛno nti mepaa AWURADE kyɛw sɛ: AWURADE Nyankopɔn, nsɛe wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye wɔn na wode nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no.


Monkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na momommɔ mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na wɔasa mo yadeɛ. Onipa tenenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ nnoɔma bebree.


Na si afɔrebukyia ma AWURADE wo Nyankopɔn, bepɔ a ɛyɛ den yi atifi, sɛdeɛ ɛho nhyehyɛɛ teɛ; na fa nantwinini a ɔtɔ so mmienu no bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ Asera nnua a wobɛtwa no nnyina no so.


Na kurom hɔfoɔ no sɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔaburi Baal afɔrebukyia no, na wɔatwitwa ɛho Asera nnua no, na wɔahye nantwinini a ɔtɔ so mmienu no afɔrebukyia a wɔasie no so.


Na di m’anim siane kɔ Gilgal, na hwɛ, me nso meresiane maba wo nkyɛn mabɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Tena hɔ twɛn nnanson kɔsi sɛ mɛba wo nkyɛn mabɛkyerɛ wo deɛ yɛ.


Ɛnyɛ ayuotwa berɛ ne nnɛ? Mɛfrɛ AWURADE na wama aprannaa ne osuo aba, na moahwɛ ahunu sɛ mo bɔne a moayɛ AWURADE anim ne sɛ moabisa ɔhene afa no so.


Na Samuel se: Mɛyɛ dɛn makorɔ? Na Saulo te a, ɔbɛku me. Na AWURADE se: Fa nantwie ba kura na kɔka sɛ: Mebaa sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE.


Na mɛma ɔsɔfoɔ nokwafoɔ so mafa, ɔbɛyɛ deɛ ɛwɔ m’akoma ne me kra mu, na mɛkyekyere efie a ɛtim hɔ mama no, na wanante deɛ masra no no anim nna nyinaa.


Na ɔsane ba Rama, na ɛhɔ na na ne fie wɔ, na ɔbu Israel atɛn hɔ; na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE.


Na wɔbuaa wɔn sɛ: Ɔwɔ hɔ, hwɛ, ɔwɔ w’anim ha yi ara. Yɛ ntɛm, na ɛnnɛ waba kuro no mu, na ɔman no bɔ afɔdeɛ nnɛ, sorɔnsorɔnbea hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan