Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 7:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnna Samuel faa ɔboɔ baako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Eben-eser kaa sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abɛsie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɛnna Samuel faa ɔboɔ baako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Eben-eser kaa sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abɛsie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛnna Samuel faa ɔbo kɛse bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne “Ɔboa bo” na ɔkae se, “Ɛha na Awurade aboa yɛn abesi!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛnna Samuel faa ɔboɔ kɛseɛ bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no edin Ebeneser a aseɛ ne “Ɔboa boɔ” na ɔkaa sɛ, “Ɛha na Awurade aboa yɛn abɛsi!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna Samuel faa ɔbo biako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne: Ɔboa bo, kae sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abesi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 7:12
18 Iomraidhean Croise  

Na Abraham too bea hɔ din sɛ: Yahwe-yir’e. Enti wɔka no nnɛ ara sɛ: AWURADE bepɔ so na wɔbɛhwɛ.


Na Yakob de odum sii deɛ ɔne no kasaeɛ hɔ, ɔboɔ dum, na ɔhwiee ɔnom afɔdeɛ guu so, na ɔde ngo guu so.


Onyankopɔn, wo na wofiri me mmɔfraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwanwadeɛ no mabɛduru sɛsɛɛ.


Wo na mefiri yafunum mede m’akyiri metweree woɔ, woyii me firii me na yam, wo na mɛyi wo ayɛ daa.


Na Mose sii afɔrebukyia, na ɔtoo din Yahwe-nissi (aseɛ ne: AWURADE ne me frankaa),


Ɛda no na wɔde afɔrebukyia bɛsi Misraim asase mfimfini ama AWURADE, na ɔboɔdum bɛsi ne hyeɛ so ama AWURADE,


Na ɛnam sɛ Onyankopɔn di m’akyire nti, na megyina hɔ de abɛduru nnɛ yi, na medi nnipa nketewa ne akɛseɛ adanseɛ, na menka biribiara sɛ deɛ adiyifoɔ ne Mose kaa sɛ ɛbɛba no:


Deɛ ɔyii yɛn firii saa owuo kɛseɛ yi mu no bɛkɔ so ara ayi yɛn, na yɛn ani da no so sɛ ɔbɛyi yɛn bio.


Na Yosua memaa aboɔ dummienu so sisii Yordan mu, deɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no nan sisiiɛ hɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.


Na Saulo sii afɔrebukyia maa AWURADE. Ɛno ne afɔrebukyia a ɛdi kan a ɔsi maa AWURADE.


Na Samuel asɛm duruu Israel nyinaa nkyɛn. Na Israel tu kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ ne wɔn akɔko; na wɔkɔkyeree nsraban Eben-eser, na Filistifoɔ nso bɛkyeree nsraban Afek.


Ɛberɛ a Filistifoɔ no faa Nyankopɔn adaka no, wɔde firi Eben-eser kɔɔ Asdod.


Na Israel mmarima firii adi firii Mispa kɔpamm Filistifoɔ no, na wɔkunkumm wɔn ara kɔsii Bet-kar ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan