Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 6:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na adɛn nti na moyɛ mo akoma denden sɛdeɛ Misraimfoɔ ne Farao yɛɛ wɔn akoma denden no? Ɛnyɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔn adeɛ wieeɛ no ansa na wɔregya wɔn kwan ama wɔakorɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na adɛn nti na moyɛ mo akoma denden sɛdeɛ Misraimfoɔ ne Farao yɛɛ wɔn akoma denden no? Ɛnyɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔn adeɛ wieeɛ no ansa na wɔregya wɔn kwan ama wɔakorɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Monnyɛ asoɔden, nnyɛ atuatewfo, sɛnea Farao ne Misraimfo yɛe no. Wɔamma Israelfo ankɔ kosii sɛ Onyankopɔn maa ɔyaredɔm tew guu wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Monnyɛ asoɔden, nnyɛ adɔnyɛfoɔ, sɛdeɛ Farao ne Misraimfoɔ yɛeɛ no. Wɔamma Israelfoɔ ankɔ kɔsii sɛ Onyankopɔn maa ɔyaredɔm te guu wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɛdɛn nti na moyɛ mo koma dennen sɛ Misraimfo ne Farao yɛɛ wɔn koma dennen no? So ɛnyɛ sɛ ɔyɛɛ wɔn ade wiei no ansa na wɔtoo wɔn kwan ma wɔkɔe?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 6:6
16 Iomraidhean Croise  

Akoma mu nyansafoɔ ne tumi mu hoɔdenfoɔ no, hwan na wasene ne kɔn wɔ ne soɔ na asi no yie?


Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba, sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ,


Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Wobɛma wo ho so wɔ m’anim akɔsi da bɛn? Ma me man nkɔ nkɔsom me.


Na me deɛ, hwɛ, mɛpirim Misraimfoɔ akoma, na wɔabɛdi wɔn akyi, na mɛhyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so,


Na Misraimfoɔ tii wɔn, na wɔdii wɔn akyiri kɔɔ ɛpo no mfimfini, Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ nyinaa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ wosane kɔ Misraim a, hwɛ na yɛ anwanwadeɛ a mede mahyɛ wo nsa no nyinaa Farao anim; na me deɛ, mɛpirim n’akoma, na ɔremma ɔman no nkɔ.


Na Farao akoma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao akoma yɛ den, ɔmpene sɛ ɔman no bɛkorɔ.


Na Farao hunuu sɛ wanya ahotɔ no, ɔpirim n’akoma, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Na Farao pirim n’akoma saa berɛ yi nso, na wamma ɔman no ankɔ.


Nanso yei nti na mema wogyina hɔ, sɛ mɛyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.


Na Farao hunuu sɛ osutɔ ne ɔsoro aboɔ ne aprannaa no to atwa no, ɔsane yɛɛ bɔne bio, na ɔpirimm n’akoma, ɔno ne ne nkoa.


Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.


Na mmom montutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ “ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara akoma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan