Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 6:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Kiriat-yearimfoɔ nkyɛn sɛ: Filistifoɔ de AWURADE adaka no aba, na mommɛfa nkɔ mo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Kiriat-yearimfoɔ nkyɛn sɛ: Filistifoɔ de AWURADE adaka no aba, na mommɛfa nkɔ mo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Enti wɔsomaa abɔfo kɔɔ Kiriat-Yearimfo nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Filistifo no asan de Awurade Apam Adaka no aba. Yɛsrɛ mo, mommra ha mmegye!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Enti, wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Kiriat-Yearimfoɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Filistifoɔ no asane de Awurade Apam Adaka no aba. Yɛsrɛ mo, mommra ha mmɛgye!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na wɔsomaa abɔfo kɔɔ Kiriat-yearimfo nkyɛn sɛ: Filistifo de AWURADE adaka no aba na mommɛfa nkɔ mo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 6:21
11 Iomraidhean Croise  

Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne dɔm a wɔka ne ho nyinaa kɔ kɔfirii Baale-yuda, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn apam adaka a wɔbɔ din a ɛyɛ asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no din wɔ soɔ no afiri hɔ aba.


Na ɔgyaa Silo tenabea no, ntomadan a ɔsii nnipa mu no.


Na ɔbarima bi nso wɔ hɔ a ɔbɛkaa adiyisɛm AWURADE din mu, Semaia ba Uria a ɔfiri Kiriat-yearim, na ɔhyɛɛ kuro yi ne asase yi ho nkɔm sɛ Yeremia deɛ no ara.


Na monkɔ me tenabea a ɛwɔ Silo a meyii no akane sɛ me din ntena hɔ no, na monkɔhwɛ deɛ me man Israel bɔne no nti mayɛ no.


mɛyɛ efie a wɔde me din atoɔ no a mode mo ho to soɔ no ne tenabea a mede memaa mo ne mo agyanom no, sɛdeɛ meyɛɛ Silo no ara,


Kiriat-baal (a ɛne Kiriat-yearim), ne Raba: Nkuro mmienu ne ɛho nkuraa.


Na ɛhyeɛ no hima firi bepɔ no mpampam kɔ Neftoa asutire no ho, na ɛfiri hɔ kɔ Efron bepɔ so nkuro ho, na ɛhyeɛ no hima kɔ Baala (a ɛne Kiriat-yearim).


Na ɛhyeɛ no hima na ɛkonton kɔ atɔeɛ fam fa bepɔ a ɛda Bet-horon ntentensoɔ anafoɔ fam no anafoɔ fam, na ano kɔduru Kiriat-baal (a ɛne Kiriat-yearim), Yuda mma kuro bi. Atɔeɛ fam deɛ ne no.


Na Israelfoɔ tui, na wɔkɔtoo wɔn nkuro da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na wɔn nkuro ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim.


Na wɔkɔe kɔkyeree nsraban Kiriat-yearim wɔ Yuda. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ Mahane-dan de bɛsi nnɛ. Hwɛ, ɛwɔ Kiriat-yearim akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan