Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 5:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na AWURADE nsa yɛɛ duru Asdodfoɔ so, na ɔsɛee wɔn, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurowa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na AWURADE nsa yɛɛ duru Asdodfoɔ so, na ɔsɛee wɔn, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurowa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na Awurade maa pɔmpɔ bobɔɔ Asdodfo ne ne mpɔtam hɔfo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ Asdodfoɔ ne ne mpɔtam hɔfoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na AWURADE twee Asdodfo aso, na oyii wɔn hu, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurow nketewa nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 5:6
13 Iomraidhean Croise  

Na ɛkɔm a ɛbɛdi akyire no nti wɔrenhunu asase no so aduane bebrebe no bio, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu bɛyɛ dendeenden.


Ɛnyɛ ɔsɛeɛ ne obusufoɔ adeɛ, na akatua denden ne amumuyɛfoɔ kyɛfa anaa?


AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefoɔ nyinaa deɛ, ɔbɛsɛe wɔn.


AWURADE ma ahobrɛasefoɔ gyina, ɔto abɔnefoɔ hwe fam.


Na awia ne anadwo wo nsa yɛɛ me so duru, me mu nsuo twee, na mekusaa sɛ awia berɛ mu.


na ɔbobɔɔ n’atamfo maa wɔsanee wɔn akyi, ɔbɔɔ wɔn daa adapaa.


hwɛ, AWURADE nsa bɛda wo mmoa a wɔwɔ wiram so, na ɔde owuo a ano yɛ den kɛse bɛba apɔnkɔ, mfunumu, yoma, anantwie ne nnwan so.


Na afei, hwɛ, Awurade nsa da wo so, na w’ani bɛfira, na worenhunu owia, gye da bi. Na amonom hɔ ara kusukuukuu ne esum bɛduruu no so maa no kyini hwehwɛɛ obi a ɔbɛsɔ ne nsa akyerɛ ne kwan.


AWURADE de Misraim mpɔmpɔ ne nsisiiwa ne ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ wo.


Na wɔsoma maa wɔkɔhyiahyiaa Filistifoɔ asafohene nyinaa boaa ano, na wɔkaa sɛ: Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn adaka no nsane nkɔ ne siberɛ, na ankuku yɛn ne yɛn man. Na owuo anikrakra baa kuro no mu nyinaa, na Nyankopɔn nsa yɛɛ duru wɔ wɔn so wɔ hɔ.


Na nnipa a wɔtete Asdod no hunuu sɛ ɛte saa no, wɔkaa sɛ: Mommma Israel Nyankopɔn adaka no nntena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ ne nsa yɛ yɛn ne yɛn nyame Dagon so den papa.


Na wɔsoa kɔeɛ no, AWURADE nsa baa kuro no so, ebumbɔ kɛseɛ pa ara, na ɔbobɔɔ kuro no mufoɔ nketewa ne akɛseɛ nyinaa na mpɔmpɔ sisii wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan