Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 5:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔree anɔpatutu no, na hwɛ, Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim, na Dagon tiri ne ne nsa mmienu abubu gugu aponnwa aseɛ deɛ no so, na Dagon kuntusini nko na aka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔree anɔpatutu no, na hwɛ, Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim, na Dagon tiri ne ne nsa mmienu abubu gugu aponnwa aseɛ deɛ no so, na Dagon kuntusini nko na aka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso ade kyee anɔpa no, na asɛm koro no ara asi bio. Na Dagon no ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butuw fam. Saa bere yi de, na ne ti ne ne nsa abubu afi so deda ɔpon ano. Ne sin no na na aka da hɔ a ammubu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso, adeɛ kyee anɔpa no, na asɛm korɔ no ara asi bio. Na Dagon no ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butu fam. Saa ɛberɛ yi deɛ, na ne ti ne ne nsa abubu afiri so deda ɛpono ano. Ne kuntunsini na na aka da hɔ a ammubu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ade kyee a wɔsɔree anɔpatutu no, hwɛ, Dagon ahwe ase a n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim, na Dagon ti ne ne nsa abien abubu gugu apongua no so, na Dagon kuntunsin nko na aka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 5:4
11 Iomraidhean Croise  

Enti, yei na wɔde bɛkata Yakob amumuyɛ soɔ, na yi a wɔreyi ne bɔne akorɔ no so aba nyinaa nie: Sɛ ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa ayɛ sɛ akaadoo ntoantoa a afurofuro, na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.


deɛ ayɛyɛdeɛ abɔ no no yi dua a ɛmporɔ; ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ fa, na wasene ohoni a ɛnkeka ne ho.


Sɛdeɛ monka nkyerɛ wɔn nie: Abosom a ɛnyɛ wɔn na wɔbɔɔ soro ne asase no bɛyera afiri asase so ne soro ase.


Nnipa nyinaa yɛ agyimifoɔ a wɔnni nimdeɛ, sikadwumfoɔ nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho, ɛfiri sɛ wɔn agudeɛ no yɛ atorɔ, na ahome nni wɔn mu.


Wɔyɛ adehunu nko, nnaadaa adwuma; wɔn asotweberɛ no mu, wɔbɛyera.


Monka no amanaman mu, momma wɔnte na monsi frankaa, momma wɔnte, na mommfa nsuma, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwuo, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔahyɛ n’ahoni aniwuo, wɔayɛ n’abosom pasaa.


Na ɔbɛfa wɔn anyame nso ne wɔn guo ahoni ne wɔn dwetɛ ne sika nnwinneɛ afɛfɛ nnommum akɔ Misraim. Na mfeɛ bi ɔbɛtwe ne ho afiri atifi fam hene no ho.


Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa, na wɔde ogya ahye n’ayɛyɛdeɛ nyinaa, na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo, ɛfiri sɛ adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɔde aboa ano, na adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɛbɛsane akɔyɛ.


Enti monyɛ mo mpɔmpɔ no nsɛsoɔ ne mo nkura a wɔsɛe mo asase no nsɛsoɔ, na momfa animuonyam mma Israel Nyankopɔn: Ebia ne nsa bɛyɛ hare afiri mo ne mo anyame ne mo asase so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan