Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 5:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na adeɛ kyeeɛ no, Asdodfoɔ sɔree anɔpatutu, na hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na adeɛ kyeeɛ no, Asdodfoɔ sɔree anɔpatutu, na hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso ade kyee a Asdod kurowmma no kɔhwɛe no, na Dagon ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butuw fam. Enti wɔmaa ohoni no so gyinaa hɔ bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso, ɛberɛ a adeɛ kyeeɛ a Asdod kuro mma no kɔhwɛeɛ no, na Dagon ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butu fam. Enti, wɔmaa ohoni no so gyinaa hɔ bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ade kyee a Asdodfo sɔree anɔpatutu no, hwɛ na, Dagon ahwe ase a n’anim butuw fam, wɔ AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 5:3
17 Iomraidhean Croise  

Na wɔfaa nantwinini a wɔde maa wɔn no, na wɔsiesiee; na wɔbɔɔ Baal din firii anɔpa kɔsii awigyina sɛ: Baal, gye yɛn so! Nso wɔante nne biara, na obiara nso annye so. Na wɔhurihuri twaa afɔrebukyia a wɔyɛeɛ no ho hyiae.


Wɔn nsa, wɔmfa nka adeɛ, wɔn nan, wɔmfa nnante, na wɔmfa wɔn menewa nkasa.


Ahonisomfoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde abosonhuhuo hoahoa wɔn ho no nyinaa ani awu, mo anyame nyinaa, monkoto no.


Na merebɛtwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na mɛbu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.


Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum haahare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuo ho bɛpopo n’anim, na Misraimfoɔ akoma bɛnane wɔ wɔn mu.


deɛ ayɛyɛdeɛ abɔ no no yi dua a ɛmporɔ; ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ fa, na wasene ohoni a ɛnkeka ne ho.


Odwumfoɔ hyɛ sikadwumfoɔ den, deɛ ɔde saeɛ tonomtonom ho yɛ deɛ ɔbɔ tommoɔ soɔ saa ara, ɔka wɔ ɛsɔ no ho sɛ: Ayɛ yie, na ɔde nnadewa bobɔ mu na antu.


Wɔma no so si akɔnkɔn kɔsoɛ no si ne sibea, na ɛsi hɔ; ɛntwe ne ho mfiri n’afa; wɔteam frɛ no a, ɔmmua, na ɔntumi nnye obi, n’ahohia mu.


Na wɔn nyinaa yɛ agyimifoɔ ne nkwaseafoɔ; ahoni nkyerɛkyerɛ! Ɛyɛ dua!


AWURADE ho bɛyɛ wɔn hu, ɛfiri sɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera; na aman no mu biara bɛfiri ne tenabea aba, nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no.


Na ahonhom fi nso hu no a, wɔhwehwe ase n’anim, na wɔteam sɛ: Wone Nyankopɔn ba no.


AWURADE adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson.


Enti monyɛ mo mpɔmpɔ no nsɛsoɔ ne mo nkura a wɔsɛe mo asase no nsɛsoɔ, na momfa animuonyam mma Israel Nyankopɔn: Ebia ne nsa bɛyɛ hare afiri mo ne mo anyame ne mo asase so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan