Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 4:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na AWURADE apam adaka no duruu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ maa asase wosoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na AWURADE apam adaka no duruu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ maa asase wosoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Bere a Israelfo no huu sɛ wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosowee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu sɛ wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosoeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na AWURADE apam adaka no duu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛse maa asase wosowee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 4:5
10 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, Abiatar baeɛ na Sadok nso nie, a Lewifoɔ nyinaa ka ne ho. Wɔso Nyankopɔn apam adaka no, na wɔsoɛɛ Nyankopɔn adaka no sii hɔ, na wɔamfa bio kɔsii sɛ ɔman no nyinaa firii kuro no mu twaa mu wieeɛ ansa.


Na ɔman no nyinaa foro dii n’akyiri bae, na ɔman no hyenhyɛnee ntɛntɛbɛn, na wɔn ani gyee kɛse, na wɔn gyegyeegye no reyɛ ama asase mu apae.


sɛ abɔnefoɔ ahurisidie nkyɛ, na nyaatwomfoɔ anigyeɛ yɛ berɛ tiaa bi?


Mommfa mo ho nnto atorosɛm yi so sɛ: AWURADE asɔrefie, AWURADE asɔrefie, AWURADE asɔrefie nie!


Mo a motu dabɔne hyɛ akyirikyirie na mode nhyɛsoɔ adwa twe pini.


Sɛ ɔbarima a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atorɔ ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne nsaden ho adiyisɛm, a, ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafoɔ!


Ɛnna ɔman no bɔɔ ose na wɔhyɛnee ntotorobɛnto no. Na ɛbaa sɛ ɔman no tee ntotorobɛnto no nne no, ɔman no huro bɔɔ ose kɛseɛ, na ɔfasuo no hwee fam tim, na ɔman no foro kɔɔ kuro no mu, wɔn nyinaa kɔɔ wɔn anim tee, na wɔfaa kuro no.


Na sɛ wɔhyɛne osebɔ abɛn no na mote totorobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛseɛ, na kuro no ho fasuo no bɛhwe fam tim, na ɔman no mforo nkɔ wɔn anim tee.


Ɔreyɛ aduru Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ne so ose. Na AWURADE honhom sii ne so, na ntampehoma a ɛwɔ ne basa ho no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka na ne homa no sanesane firii ne nsa.


Na Filistifoɔ tee osebɔ no, wɔkaa sɛ: Hebrifoɔ nsram osebɔ kɛseɛ yi aseɛ ne sɛn? Na wɔtee sɛ AWURADE adaka no aba nsraban no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan