Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 4:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔman no baa nsraban no mu no, Israel mpanin kaa sɛ: Adɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkoguo nnɛ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔman no baa nsraban no mu no, Israel mpanin kaa sɛ: Adɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkoguo nnɛ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔko no baa awiei, na Israel nsraadɔm no san kɔɔ wɔn nsraban mu hɔ no, Israel mpanyimfo no bisae se, “Adɛn nti na Awurade ama yɛadi nkogu nnɛ yi wɔ Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa Awurade Apam Adaka no mfi Silo. Sɛ yɛde kɔ ɔsa a, ebegye yɛn afi yɛn atamfo nsam.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔko no baa awieeɛ, na Israel akodɔm sane kɔɔ wɔn sraban mu hɔ no, Israel mpanimfoɔ no bisaa sɛ, “Adɛn nti na Awurade ama yɛadi nkoguo ɛnnɛ yi wɔ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa Awurade Apam Adaka no mfiri Silo. Sɛ yɛde kɔ ɔsa a, ɛbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔman no baa nsra no mu no, Israel mpanyin kae sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkogu nnɛ Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfi Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmegye yɛn mfi yɛn atamfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 4:3
34 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: Fa Nyankopɔn adaka no sane kɔ kuro no mu. Sɛ menya AWURADE anim adom a, ɔde me bɛsane aba, na wama mabɛhu no ne ne tenabea bio.


Na Dawid te ne fie no, ɔka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete ntweneduro dan mu, na AWURADE apam adaka no wɔ ntomadan ase.


Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa, na w’abufuo rehye w’adidibea nnwan?


Adɛn nti na wotwe wo nsa, wo nsa nifa? Yi firi wo kokom, wie wɔn.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma a mede megyaee no no wɔ? Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔagyae mo na.


Wɔka sɛ: Adɛn nti na yɛdi mmuada na wonhunu, yɛbrɛ yɛn kra ase na wonnim yi? Hwɛ, mo abuada da no, moyɛ deɛ mo ara mopɛ, na moteetee mo adwumayɛfoɔ nyinaa.


Hwɛ, AWURADE nsa nyɛ tiaa a ɛnso ɔgyeɛ, na n’aso mu nyɛ den a ɛrente asɛm,


na mmom mo amumuyɛ ne deɛ ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam ateteɛ, na mo bɔne na akata n’ani afiri mo ho a enti ɔntie.


Na sɛ modɔɔso na mo ase kyene asase no so a, saa berɛ no, AWURADE asɛm nie, wɔrenka bio sɛ: AWURADE apam adaka! Na ɛremma akoma mu, na wɔrenkae, na wɔrenhwehwɛ, na wɔrenyɛ bi bio.


Mommfa mo ho nnto atorosɛm yi so sɛ: AWURADE asɔrefie, AWURADE asɔrefie, AWURADE asɔrefie nie!


Ɛnna wɔtutu firii AWURADE bepɔ no ho nantee nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekyerɛ wɔn asoɛeɛ;


Na sɛ adaka no retu a, Mose ka sɛ: AWURADE, sɔre na w’atamfo mmɔ mpete na wɔn a wɔkyiri woɔ nnwane w’anim.


na Mose somaa wɔn maa wɔkɔɔ ɔsa no, abusuakuo biara mu apem, wɔne Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas a na kronkronbea hɔ nnoɔma no ne osebɔ ntotorobɛnto no wɔ ne nsam no.


na amanaman nyinaa bɛka sɛ: Adɛn nti na AWURADE ayɛ asase yi seyie? Abufuo kɛseɛ hyehyeɛ yi yɛ deɛn?


Momfa mmara nwoma yi nto AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ho, na ɛntena hɔ nni wo adanseɛ.


wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dane wo ho firi wɔn ho!


Ɛwɔ sika aduhwamhyeɛ bukyia ne apam adaka a wɔde sika adura ho nyinaa, a sika pɔre a mana wɔ mu, ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam aboɔpono no wɔ mu.


Monka nkyerɛ wɔn sɛ: Ɛkyerɛ sɛ Yordan nsuo no twae, AWURADE apam adaka no anim; ɛtwaa Yordan no, Yordan nsuo no twae; na aboɔ yi nyɛ nkaeɛ mma Israelfoɔ nkɔsi daa.


Na Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfoɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsoa apam adaka no, na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nni AWURADE adaka no anim.


Na Yosua kaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, adɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn? Yɛnim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara.


Wo kyɛw nie, AWURADE, sɛ Israel adane wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfoɔ yi, ɛdeɛn na menka?


Ɛno na afei ne nsɛsoɔ a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ honam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ.


Na mepɛ sɛ mekae mo a moahunu yei prɛko dada sɛ, Awurade gyee ɔman no firii Misraim asase soɔ no, akyire yi no, ɔsɛee wɔn a wɔannye annie no.


Na ɔtwaa no no, ɔfaa no kaa ne ho de nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam efa baako ne bobesa kotokuo ma de no baa AWURADE fie Silo. Na abɔfra no sua.


Na Saulo ka kyerɛɛ Ahiya sɛ: Kɔfa Nyankopɔn adaka no bra. Nso ɛda no na Nyankopɔn adaka no wɔ Israelfoɔ no nkyɛn.


Na Filistifoɔ no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛe, na Israel dii nkoguo Filistifoɔ no anim, na wɔkumm mpasua no so nnipa bɛyɛ mpemnan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan