Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 4:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Filistifoɔ no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛe, na Israel dii nkoguo Filistifoɔ no anim, na wɔkumm mpasua no so nnipa bɛyɛ mpemnan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Filistifoɔ no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛe, na Israel dii nkoguo Filistifoɔ no anim, na wɔkumm mpasua no so nnipa bɛyɛ mpemnan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Filistifo no tow hyɛɛ Israelfo nsraadɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wokum nnipa mpem anan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Filistifoɔ no to hyɛɛ Israelfoɔ akodɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wɔkumm nnipa mpemnan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Filistifo no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛwee, na Israelfo dii nkogu Filistifo no anim, na wokum wɔn mu nnipa bɛyɛ mpemnan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 4:2
13 Iomraidhean Croise  

Momma yɛmpeepee yɛn akwan mu nhwehwɛ mu, na yɛnsane mmra AWURADE nkyɛn.


na wɔakyere abom ahwe ase sɛdeɛ wɔredwane nkrantɛ anim, berɛ a obi mpamo wɔn. Na morennya mo atamfoɔ anim agyinayɛ.


Ɛnna Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no siane ba bɛkunkumm wɔn bobɔɔ wɔn pete kɔduruu Horma.


Na Israelfoɔ no rentumi nnyina wɔn atamfoɔ anim, wɔn akyiri na wɔbɛdane akyerɛ wɔn atamfoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ ahyiradeɛ. Merenkɔ so menni mo akyi, gye sɛ moyi ahyiradeɛ no hɔ firi mo mu.


na Israel ne Filistifoɔ atwitwa mpasua a ɛdɔm kyerɛ dɔm anim.


Na ɔbɛgyinaa hɔ teaa mu frɛɛ Israel mpasua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na moafiri aba mpasua so rebɛko yi? Menyɛ Filistini na mo nso moyɛ Saulo nkoa? Monyi mo mu ɔbarima bi, na ɔnsiane mmra me nkyɛn.


Na Samuel asɛm duruu Israel nyinaa nkyɛn. Na Israel tu kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ ne wɔn akɔko; na wɔkɔkyeree nsraban Eben-eser, na Filistifoɔ nso bɛkyeree nsraban Afek.


Na Filistifoɔ no koeɛ, na Israel dii nkoguo, na wɔn nyinaa dwanedwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. Na ɛyɛɛ okunkɛseɛ sɛ, na Israel mu nnipa a wɔnam anammɔn mu mpem aduasa totɔeɛ.


Na ɔman no baa nsraban no mu no, Israel mpanin kaa sɛ: Adɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkoguo nnɛ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan