Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 4:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na n’ase, Pinehas yere, anyinsɛn a n’awoɔ reyɛ adu. Na ɔtee nsɛm no sɛ wɔafa Nyankopɔn adaka, na n’ase ne ne kunu awuwuo no, ɔkoto woe, na n’awoko yea kutaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na n’ase, Pinehas yere, anyinsɛn a n’awoɔ reyɛ adu. Na ɔtee nsɛm no sɛ wɔafa Nyankopɔn adaka, na n’ase ne ne kunu awuwuo no, ɔkoto woe, na n’awoko yea kutaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Saa bere no na nʼasebea a ɔyɛ Pinehas yere anyinsɛn a ɔreyɛ awo. Ɔtee sɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwu no, awo kaa no amono mu hɔ ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Saa ɛberɛ no na nʼase baa a ɔyɛ Pinehas yere nyem a ɔreyɛ awoɔ. Ɔtee sɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwuo no, awoɔ kaa no amonom hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na ne sew, Pinehas yere, anyinsɛn na n’awo bere reyɛ adu. Na ɔtee asɛm no sɛ wɔafa Onyankopɔn adaka no, na n’ase ne ne kunu awuwu no, awoko yaw patu kaa no, na ɔkotow woe amonom hɔ ara, na yaw dodow no nti, owui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 4:19
7 Iomraidhean Croise  

Ɔbaa no deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dɔ na mɛma wo yea ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso. Yea mu na wobɛwo mma, na w’ani bɛgyina wo kunu, na ɔno na ɔbɛdi wo soɔ.


Na n’awoɔ mu yɛɛ den no, awogyefoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na yei nso wobɛwo ɔbabarima.


Ɛberɛ no mu no, Yeroboam ba Abia yaree.


Wɔn asɔfoɔ totɔɔ nkrantɛ ano, na wɔn akunafoɔ annya asuyɛ.


ɛno deɛ mɛyɛ efie yi sɛ Silo, na mede kuro yi bɛyɛ nnome mama asase so amanaman nyinaa.


Na ɛbaa sɛ, ɔbɔɔ Nyankopɔn adaka no din no, Eli firi n’adwa so muni faa n’akyi hwee ɛpono kɛseɛ no ho, na ne kɔn mu bui, na ɔwui, ɛfiri sɛ na ɔyɛ akɔkoraa a ne mu yɛ duru. Na wabu Israel atɛn mfeɛ aduanan.


Na ɔrewu no, mmaa a wɔgyinagyina ne nkyɛn no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na ɔbarima na woawoɔ yi. Nanso wammua, na wammu asɛm no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan