1 Samuel 4:18 - New Revised Asante Twi Bible18 Na ɛbaa sɛ, ɔbɔɔ Nyankopɔn adaka no din no, Eli firi n’adwa so muni faa n’akyi hwee ɛpono kɛseɛ no ho, na ne kɔn mu bui, na ɔwui, ɛfiri sɛ na ɔyɛ akɔkoraa a ne mu yɛ duru. Na wabu Israel atɛn mfeɛ aduanan. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron18 Na ɛbaa sɛ, ɔbɔɔ Nyankopɔn adaka no din no, Eli firi n’adwa so muni faa n’akyi hwee ɛpono kɛseɛ no ho, na ne kɔn mu bui, na ɔwui, ɛfiri sɛ na ɔyɛ akɔkoraa a ne mu yɛ duru. Na wabu Israel atɛn mfeɛ aduanan. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm18 Ɔbɔfo no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara pɛ, Eli fi akongua a ɔte so mu wɔ abɔntenpon ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu bui, efisɛ na wabɔ akwakoraa a ne mu nso yɛ duru. Na wadi Israel anim mfirihyia aduanan. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm18 Ɔbɔfoɔ no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara pɛ, Eli firi akonnwa a ɔte so mu wɔ abɔntenpono ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu buiɛ, ɛfiri sɛ, na wabɔ akɔkoraa a ne mu nso yɛ duru. Na wadi Israel anim mfirinhyia aduanan. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON18 Na ɔbɔɔ Onyankopɔn adaka no din no, Eli fi n’agua so tew faa n’akyi hwee ase ɔpon kɛse no ho, na ne kɔn mu bui, na owui, efisɛ ɔyɛ akwakoraa na ɔyɛ duru. Na wahwɛ Israel so mfe aduanan. Faic an caibideil |