Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 30:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɔde no siane kɔeɛ; na hwɛ, asadeɛ bebrebe a wɔakɔfa no Filistifoɔ asase soɔ ne Yuda asase soɔ no nti, wɔboaboa fam hɔ nyinaa a na wɔredidi na wɔrenom na wɔresa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ɔde no siane kɔeɛ; na hwɛ, asadeɛ bebrebe a wɔakɔfa no Filistifoɔ asase soɔ ne Yuda asase soɔ no nti, wɔboaboa fam hɔ nyinaa redidi na wɔrenom na wɔresa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfo no atenae. Bere a Dawid ne ne mmarima no duu hɔ no, na Amalekfo no ahwete wɔ sare no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛw resaw, efisɛ na wɔanya asade bebree afi Filistifo nkyɛn ne Yuda asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfoɔ no atenaeɛ. Ɛberɛ a Dawid ne ne mmarima no duruu hɔ no, na Amalekfoɔ no ahwete wɔ ɛserɛ no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛ resa, ɛfiri sɛ, na wɔanya asadeɛ bebree afiri Filistifoɔ nkyɛn ne Yuda asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔde no sian kɔe; na hwɛ, asade bebree a wɔakɔfa Filistifo asase so ne Yuda asase so no nti, wɔboaboa fam hɔ nyinaa redidi na wɔrenom na wɔresaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 30:16
22 Iomraidhean Croise  

Nso na Absalom ahyɛ ne mmeranteɛ sɛ: Monhwɛ, na sɛ Amnon boro nsa tam na mese mo sɛ: Mommɔ Amnon a, monku no. Monnsuro, ɛnyɛ me na mahyɛ mo? Monyɛ den, na monyɛ mo ho mmarima.


Na wɔkɔkunkum Amalek adwanefoɔ no nkaeɛ, na wɔtenaa hɔ de bɛsi nnɛ.


sɛ abɔnefoɔ ahurisidie nkyɛ, na nyaatwomfoɔ anigyeɛ yɛ berɛ tiaa bi?


M’ani ka w’asɛm ho sɛdeɛ wanya asadeɛ pii.


Na wɔtuaa nhema bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ; na ɔman no tenaa ase didii nomee, na wɔsɔre goroe.


Na hwɛ, ahosɛpɛ ne anigyeɛ, anantwie menetwa ne nnwan kum, ɛnamdie ne nsanom nie: “Momma yɛnnidi na yɛnnom na ɔkyena na yɛawu.”


Woama ɔman no adɔre, woama n’anigyeɛ ayɛ kɛseɛ, wɔn ani gye w’anim sɛ twaberɛ mu anigyeɛ, sɛdeɛ wɔdi asadeɛkyɛ mu ahurisie.


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa nnoɔma bebree nsane nkɔ mo ntomadan mu, mmoa bebree pa ara ne dwetɛ ne sika ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ne ntoma pii pa ara, mo ne mo nuanom nkyekyɛ mo atamfoɔ asadeɛ no mu.


Na Gideon foro faa ntomadan mutefoɔ kwan so, Noba ne Yogbeha apueeɛ, na ɔkɔkunkumm dɔm no, ɛfiri sɛ na ɛdɔm no ani nna wɔn ho so.


Yɛkɔtuaa Keretifoɔ anafoɔ fam ne deɛ ɛyɛ Yuda dea no ne Kaleb anafoɔ fam, na yɛde ogya hyee Siklag.


Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wode me bɛsiane akɔ ɛdɔm no nkyɛn? Na ɔse: Ka me Onyankopɔn sɛ worenku me, nso woremfa me nhyɛ me wura nsa, na mede wo bɛsiane akɔ ɛdɔm no nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan