Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 30:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 na wɔmaa no borɔdɔma ɛtoa sini ne bobe aba ntoa ntoa mmienu; na ɔdiiɛ no, n’ani so baee no, ɛfiri sɛ nnansa awia ne anadwo na ɔnnidiiɛ na ɔnnomee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 na wɔmaa no borɔdɔma ɛtoa sini ne bobe aba ntoa ntoa mmienu; na ɔdiiɛ no, n’ani so baee no, ɛfiri sɛ nnansa awia ne anadwo na ɔnnidiiɛ na ɔnnomee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔsan maa no borɔdɔma ɔfam sin bi ne bobe aba ɔbɔnta, efisɛ na hwee nkaa nʼano nnansa; awia ne anadwo. Ankyɛ na onyaa ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔsane maa no borɔdɔma ɔfam sin bi ne bobe aba abɔnta, ɛfiri sɛ, na hwee nkaa nʼano nnansa awia ne anadwo. Ankyɛre na ɔnyaa ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 na wɔmaa no borɔdɔma tɔw sin ne bobe aba atɔw abien; na odii no, n’ani so baee no, efisɛ nnansa, awia ne anadwo, na onnidii na ɔnnomee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 30:12
9 Iomraidhean Croise  

Kɔhyia Yudafoɔ a wɔhu wɔn Susa nyinaa boa ano, na me nti monni mmuada, na monnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bɛdi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara soɔ; na sɛ mewu a, na mawu.


Ne nkurɔfoɔ nyinaa gu ahome hwehwɛ aduane; wɔde wɔn afɛfɛdeɛ ma gye aduane de hyɛ wɔn ho den. O AWURADE, hwɛ na hunu; na wɔbu me animtiaa!


Nso na AWURADE asiesie apataa kɛseɛ bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo.


sɛ: Owura, yɛkae sɛ ɔdaadaafoɔ no te aseɛ no, ɔkaa sɛ: Nnansa akyiri mɛnyane.


Na Onyankopɔn paee tokuro a ɛwɔ Lehi no mu, na nsuo firi hɔ bae, na ɔnomee. Na ne honhom sane bae na ɔnyaa nkwa. Enti wɔfrɛ hɔ En-hakore a ɛwɔ Lehi de bɛsi nnɛ yi.


Nso Yonatan deɛ, n’agya reka ɔman no ntam no, wante; na ɔde poma a na ɔkura no ano kaa ɛwoɔ no bi, na ɔde ne nsa kɔɔ n’ano, na n’ani so tetee no.


Na wɔhunuu Misraimni bi wiram hɔ, na wɔde no brɛɛ Dawid; na wɔmaa no paanoo diiɛ, na wɔmaa no nsuo nomeeɛ,


Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Hwan nipa ne wo, na ɛhe na wofire? Na ɔse: Meyɛ Misraimni ba, Amalekni bi akoa, na me wura gyaa me hɔ, ɛfiri sɛ yadeɛ bɔɔ me nnaano.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan