Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 3:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɛberɛ no mu, ɛbaa sɛ da bi a Eli da ne daberɛ no, — nso na n’ani afiri aseɛ ayɛ kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie, —

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɛberɛ no mu, ɛbaa sɛ da bi a Eli da ne daberɛ no, — nso na n’ani afiri aseɛ ayɛ kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie, —

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afura koraa no kɔdae nkyɛe koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afira koraa no kɔdaeɛ nkyɛree koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɛbere no mu, ɛbae sɛ da bi a Eli da ne dabere no, nso na n’ani so afi ase ayɛ kusukusu a onhu ade yiye,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 3:2
8 Iomraidhean Croise  

Na Isak bɔɔ akɔkoraa na n’ani so yɛɛ no kusukusu na ɔnhunu adeɛ yie no, ɔmaa wɔfrɛɛ ne ba panin Esau ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba! Na ɔgyee so sɛ: Agya, menie.


Na enyini nti, na Israel ani so ayɛ no kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie. Na ɔde wɔn pinii ne nkyɛn; na ɔfee wɔn ano yɛɛ wɔn atuu.


Na n’agya ampene, na ɔse: Menim, me ba, menim; ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔno nso ayɛ kɛse, nanso ne nua kumaa no bɛso asene no, na n’asefoɔ bɛyɛ aman pii.


Na Yeroboam yere no yɛɛ saa, na ɔsii mu kɔɔ Silo, na ɔduruu Ahia fie. Nso na Ahia nhunu adeɛ, na akorabɔ nti n’ani so ayɛ kusuu.


Yɛn mfirinhyiam nna, emu wɔ mfeɛ aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛreduru aduɔwɔtwe, na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔbrɛ ne ahuhudeɛ, na ɛtwaa mu ntɛm so, na yɛtu kɔe.


ɛda a efie awɛmfoɔ ho bɛpopoɔ, na mmarima ahoɔdenfoɔ no mu akonton, na ayuyamfoɔ agyaeɛ, sɛ wɔasua nti, na wɔn a wɔhwɛ mpomma mu ani so ayɛ wɔn kusuu;


Afei na Eli abɔ akora, na ɔtee adeɛ a na ne mma de yɛ Israel nyinaa no nyinaa ne sɛdeɛ wɔne mmaa a na wɔbɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan ano adwuma no da.


Nso na Eli adi mfeɛ aduɔkron nwɔtwe, na n’ani so ayɛ wisiwisi, na ɔnhunu adeɛ yie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan