Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 29:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna Filistifoɔ asafohene no kaa sɛ: Na Hebrifoɔ yi ɛ? Na Akis ka kyerɛɛ Filistifoɔ asafohene no sɛ: Ɛnyɛ Dawid, Israelhene Saulo akoa a ɔne me atena nna sɛɛ anaa mfeɛ sɛɛ yi a menhunuu ne ho bɔne biara firi da a ɔwaeeɛ de bɛsi nnɛ no nie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna Filistifoɔ asafohene no kaa sɛ: Na Hebrifoɔ yi ɛ? Na Akis ka kyerɛɛ Filistifoɔ asafohene no sɛ: Ɛnyɛ Dawid, Israelhene Saulo akoa a ɔne me atena nna sɛɛ anaa mfeɛ sɛɛ yi a menhunuu ne ho bɔne biara firi da a ɔwaeeɛ de bɛsi nnɛ no nie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Filistifo asahene no bisae se, “Dɛn na Hebrifo yi reyɛ wɔ ha?” Akis buae se, “Oyi ne Dawid, ɔbarima a oguan fii Israelhene Saulo anim no. Waba me nkyɛn ha ne me abɛtena bɛboro afe ni. Na efi bere a ogyaw Saulo hɔ besi nnɛ yi, minhuu ne ho mfomso biara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Filistifoɔ asahene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na Hebrifoɔ yi reyɛ wɔ ha?” Akis buaa sɛ, “Ɔyi ne Dawid, ɔbarima a ɔdwane firii Israelhene Saulo anim no. Waba me nkyɛn ha ne me abɛtena bɛboro afe nie. Na ɛfiri ɛberɛ a ɔgyaa Saulo hɔ bɛsi ɛnnɛ yi, menhunuu ne ho mfomsoɔ biara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna Filistifo asafohene no kae sɛ: Na Hebrifo yi ɛ? Na Akis ka kyerɛɛ Filistifo asafohene no sɛ: Ɛnyɛ Dawid, Israel hene Saul akoa a ɔne me atena nna sɛɛ anaa mfe sɛɛ yi a minhuu ne ho bɔne bi fi da a ɔwaee de besi nnɛ no ni?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 29:3
13 Iomraidhean Croise  

Na odwanefoɔ bi bɛka kyerɛɛ Hebrini Abram a ɔte Amorini Mamre, Eskol ne Aner nua no pɔ mu; na wɔne Abram wɔ apam.


Na Manasefoɔ mu binom nso wae bɛdɔmm Dawid berɛ a na ɔne Filistifoɔ rebɛne Saulo ako no. (Na wammoa Filistifoɔ no, ɛfiri sɛ Filistifoɔ mmapɔmma kɔɔ agyina gyaa no kwan sɛ: Yɛn tiri na ɔde bɛwae akɔ ne wura Saulo nkyɛn.)


Na ɔsii mu kɔɔ Siklag no, Manase mu binom wae bɛdɔm no: Adna ne Yosabad ne Yediael ne Mikael ne Yosabad ne Elihu ne Siletai, Manase mpem mpem so atitire.


Ɛnna mmarima no kaa sɛ: Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara, gye sɛ yɛhunu bi ne Nyankopɔn mmara ho.


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no hunuu no no, wɔteateaa mu sɛ: Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no nkɔbɔ no asɛnnua mu! Na me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara.


Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwene nnoɔma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim!


ɔdwoɔ ne suro mu, na monnya ahonim pa, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu no, wɔn a wɔgu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.


Na wɔn baanu no yiyii wɔn ho kyerɛɛ Filistifoɔ bansifoɔ no. Na Filistifoɔ no kaa sɛ: Hwɛ, Hebrifoɔ no refiri adi afiri ntokuro a wɔhuntahuntaa mu no mu.


Fa ɛso yi kyɛ w’afenaa ɛ! Na ampa ara AWURADE bɛkyekyere efie a atim ama me wura, ɛfiri sɛ me wura reko ama AWURADE, na wɔrenhunu wo mu bɔne biara wo nna nyinaa.


Na Dawid see no n’akoma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi, Saulo nsa na ɛbɛku me; biribiara nyɛ mma me sɛ mɛdwane akɔ Filistifoɔ asase soɔ, na Saulo agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafiri ne nsa.


Na nna a Dawid de tenaa Filistifoɔ asase soɔ no yɛ afirinhyia ne abosome nnan.


Ɛnna Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, wotene, na me deɛ, anka ɛyɛ ma me sɛ wo ne me bɛdi akɔneaba ɔsa yi mu; ɛfiri sɛ ɛfiri da a wobaa me nkyɛn de bɛsi nnɛ menhunuu wo ho bɔne biara; na asafohene no na ɛmpɛ woɔ.


Na Filistifoɔ tee osebɔ no, wɔkaa sɛ: Hebrifoɔ nsram osebɔ kɛseɛ yi aseɛ ne sɛn? Na wɔtee sɛ AWURADE adaka no aba nsraban no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan