Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 28:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na Saulo sakyeraa ne ho hyɛɛ atadeɛ foforɔ, na ɔsii mu kɔeɛ a na nnipa baanu ka ne ho, na wɔduruu ɔbaa no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma deɛ mɛbɔ ne din makyerɛ woɔ no mforo mmra mma me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na Saulo sakyeraa ne ho hyɛɛ atadeɛ foforɔ, na ɔsii mu kɔeɛ a na nnipa baanu ka ne ho, na wɔduruu ɔbaa no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma deɛ mɛbɔ ne din makyerɛ woɔ no mforo mmra mma me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Enti Saulo hyɛɛ ntade afoforo a ɛnyɛ ɔhene afade, sakraa ne ho, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbea no nkyɛn anadwo. Saulo kae se, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wubetumi afrɛ ne honhom ama me ana?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Enti, Saulo sesaa ne ho, hyɛɛ ntadeɛ afoforɔ nsakyeramu bi a ɛnyɛ ɔhene afadeɛ, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn anadwo. Saulo kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wobɛtumi afrɛ ne sunsum ama me anaa?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na Saul sakraa ne ho hyɛɛ atade foforo, na osiim kɔe, ɔno ne nnipa baanu a wɔka ne ho, na woduu ɔbea no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma nea mɛbɔ ne din makyerɛ wo no mforo mmra mma me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 28:8
12 Iomraidhean Croise  

Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakyera me ho na makɔ ɔko no ano, na wo deɛ, hyɛ wo ntadeɛ. Na Israel hene no sakyeraa ne ho, na ɔkɔɔ ko no ano.


Na ɔbarima bi twee ne tadua mu anibiannasoɔ so, na ɔde saa Israel hene no mmɔtoam ne nkataboɔ no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ: Dane wo ho fa me firi ɛdɔm yi mu, na mapira.


Na Saulo wui ne fom a ɔfom AWURADE no, ne AWURADE asɛm a wanni soɔ no, ne sɛ nso ɔkɔbisaa samanfrɛni hɔ adeɛ hwehwɛɛ n’akyiri kwan.


Na Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakyera me ho na makɔ dɔm no mu, na wo deɛ, hyɛ wo ntadeɛ. Na Israel hene no sakyeraa ne ho, na ɔkɔɔ dɔm no mu.


Nanso Yosia annane n’ani amfiri ne ho, na mmom ɔsakyeraa ne ho sɛ ɔne no rekɔko, na wantie Neko nsɛm a ɛfiri Nyankopɔn anomu no. Na ɔkɔ kɔkoe Megido bonhwa mu.


Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mommisa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ a wɔde nnomaa su ne asutuo kasa no a, ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wɔbisa ne hɔ adeɛ anaa? Awufoɔ hɔ na wɔmmisa adeɛ mma ateasefoɔ?


Sɛ obi de ne ho hunta huntabea bi a, merenhu no anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa? AWURADE asɛm nie.


Wɔn anim ara na fa nnoɔma no to wo kɔn ho, na anim biri a, wode afiri adi. Kata w’ani na woanhunu asase no, na mede wo mayɛ nsɛnkyerɛnneɛ mama Israel fie.


Na yei mmom ne atemmuo no, sɛ hann no aba wiase na nnipa dɔ esum sene hann no; ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan