Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 28:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Saulo kɔbisaa AWURADE, nanso daeɛ mu oo, Urim ntonto so oo, adiyifoɔ anomu oo, AWURADE ammua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Saulo kɔbisaa AWURADE, nanso daeɛ mu oo, Urim ntonto so oo, adiyifoɔ anomu oo, AWURADE ammua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Obisaa Awurade nea ɔnyɛ nanso Awurade amfa adaeso anaa ntontobɔ kronkron anaa adiyifo so ammua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔbisaa Awurade deɛ ɔnyɛ nanso Awurade ammua no, wɔ adaeɛsoɔ anaa ntontobɔ kronkron anaa adiyifoɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na Saul kobisaa AWURADE, nanso ɔdae mu oo, Urim ntonto so oo, adiyifo anom oo, AWURADE ammua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 28:6
25 Iomraidhean Croise  

Wɔhwɛe, na ɔgyefoɔ biara nni hɔ, wɔsu frɛɛ AWURADE, na wammua wɔn.


Yɛnhunu yɛn nsɛnkyerɛnneɛ, odiyifoɔ bi nni hɔ bio, na yɛn mu biara nnim da ko a ɛbɛkɔ akɔsie.


na kyerɛpɛn a ɛtɔ so nnan no nyɛ sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ; ne nsisimu no, sika mfefaano ntwa ho nhyia.


Na fa Urim ne Tumim no hyɛ atemmuo adaaboɔ no mu, na sɛ Aaron rekɔ AWURADE anim a, ɛnna ne koko so, na Aaron nsoa Israelfoɔ no atemmuo n’akoma so, AWURADE anim daa.


Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wonnim deɛ ɛda no de bɛba.


Odiyifoɔ a ɔso daeɛ no, ma no nka ne daeɛso, na deɛ m’asɛm wɔ ne hɔ no, ma no nka m’asɛm nokorɛ mu. Ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ? AWURADE asɛm nie.


N’aponkɛseɛ amem fam, akyire adaban asɛe, na abubu. Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu, mmara no nni hɔ bio, n’adiyifoɔ nhunu AWURADE hɔ anisoadehunu.


Na yei akyiri no, mɛhwie me honhom agu honam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ, na mo mmeranteɛ ahuhunu anisoadeɛ,


na ɔde adaaboɔ no hyehyɛɛ no, na ɔde Urim ne Tumim no hyɛɛ adaaboɔ no mu;


na adehunufoɔ no ani bɛwuwu, na nkɔmhyɛfoɔ no anim asinsiam, na wɔn nyinaa bɛmuamua wɔn ano, ɛfiri sɛ Nyankopɔn mmuaeɛ biara nni hɔ.


Na ɔkaa sɛ: Montie me nsɛm ɛ. Sɛ AWURADE diyifoɔ bi wɔ mo mu a, adehunu mu na mema no hu me, daeɛ mu na mekasa mekyerɛ no:


Na ɔnkɔgyina Ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔmmisa urim atemmuo mma no, AWURADE anim; wɔmfa n’asɛm so mfiri adi, na wɔmfa n’asɛm so mmra mu, ɔno ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa.


Na ɔredwennwene yeinom ho no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na deɛ ɔnyem no firi Honhom Kronkron mu.


Na yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie adebɔneyɛfoɔ; na sɛ obi fɛre Onyankopɔn na ɔyɛ deɛ ɔpɛ a, ɔno na ɔtie no.


Na Lewi ho deɛ, ɔkaa sɛ: Wo nokorɛ ne wo hann wɔ wo hotefoɔ no, deɛ wosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ na wo ne no ham Meriba asuo ho no.


Mobisa na monnya, ɛfiri sɛ mobisa no bɔne, sɛdeɛ ɛbɛma moahwere no mo anigyedeɛ mu.


Na Saulo bisaa Onyankopɔn sɛ: Mensiane menti Filistifoɔ no anaa? Wode wɔn bɛhyɛ Israel nsa anaa? Na wammua no da no.


Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Adɛn nti na wohaa me maa meforo baeɛ yi? Na Saulo buaa sɛ: Me ho hiahia me papaapa, na Filistifoɔ ne me reko, na Onyankopɔn apa m’akyi, na ɔmmua me bio; ɔmfa adiyifoɔ so, na ɔmfa daeɛ mu nso, enti na mafrɛ woɔ yi, sɛ kyerɛ me deɛ menyɛ.


Na Saulo hunuu Filistifoɔ nsraban no no, ɔsuroeɛ, na n’akoma tuu papaapa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan