Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 28:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Filistifoɔ no boaboaa wɔn ano ba bɛkyeree nsraban Sunem. Na Saulo boaboaa Israelfoɔ nyinaa ano, na wɔkyeree nsraban Gilboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Filistifoɔ no boaboaa wɔn ano ba bɛkyeree nsraban Sunem. Na Saulo boaboaa Israelfoɔ nyinaa ano, na wɔkyeree nsraban Gilboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Filistifo no boaa wɔn ho ano, kyeree nsraban wɔ Sunem, na Saulo nso boaboaa Israelfo no nyinaa ano, kyeree nsraban wɔ Gilboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Filistifoɔ no boaa wɔn ho ano, kyeree sraban wɔ Sunem. Ɛnna Saulo nso boaboaa Israelfoɔ no nyinaa ano, kyeree sraban wɔ Gilboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Filistifo no boaboaa wɔn ho ano bae bɛbɔɔ nsra Sunem. Na Saul boaboaa Israelfo nyinaa ano, na wɔbɔɔ nsra Gilboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 28:4
9 Iomraidhean Croise  

Mo Gilboa mmepɔ, wɔmmma bosuo ne osuo nntɔ nngu mo so, na nnɔbaeɛ mfu mmma mo so, na ɛhɔ na wɔatoto ahoɔdenfoɔ kyɛm atwene, Saulo kyɛm, wɔamfa ngo ansra ho.


Na aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ amanneɛ no kaa sɛ: Mekɔfirii Gilboa Bepɔ so, na hwɛ, na Saulo twere ne pea so, na hwɛ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ atu repamo ho.


Na Dawid kɔ kɔgyee Saulo nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii Yabes-gileadfoɔ nsam, na wɔn na wɔkɔwiaa no Bet-san abɔntene soɔ, deɛ Filistifoɔ de wɔn sensɛnee da a Filistifoɔ kumm Saulo wɔ Gilboa no,


Ɛnna wɔkɔhwehwɛɛ ababaa hoɔfɛfoɔ bi Israel ahyeɛ nyinaa mu, na wɔkɔhunuu Sunamni Abisag, na wɔde no brɛɛ ɔhene.


Na da bi Elisa sene kɔɔ Sunem. Na ɔbaa ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔhyɛɛ no ma ɔdidiiɛ. Na daa ɔretwam a, ɔmane hɔ kɔdidi.


Na wɔn hyeɛ kɔɔ Yesreel, Kesulot, Sunem,


Na Saulo hunuu Filistifoɔ nsraban no no, ɔsuroeɛ, na n’akoma tuu papaapa.


Na Filistifoɔ ne Israel koeɛ; na Israel mmarima dwanee Filistifoɔ anim, na wɔtotɔe Gilboa bepɔ so.


Na adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ ba bɛyiyii atɔfoɔ ho adeɛ no, wɔhunuu Saulo ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ wɔ Gilboa bepɔ soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan