Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 28:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Saa berɛ yi na Samuel awu ama Israel nyinaa asu no asie no Rama, ɔno ara ne kuro mu. Na Saulo atu asamanfrɛfoɔ ne asumanfoɔ nyinaa afiri asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Saa berɛ yi na Samuel awu ama Israel nyinaa asu no asie no Rama, ɔno ara ne kuro mu. Na Saulo atu asamanfrɛfoɔ ne asumanfoɔ nyinaa afiri asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Saa bere yi na Samuel awu, ama Israel nyinaa atwa agyaadwo. Wosiee no wɔ ɔno ara ne kurom Rama. Saa bere no, na Saulo apam atutu ahoni ne ahonhom afi asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Saa ɛberɛ yi na Samuel awu, ama Israel nyinaa atwa agyaadwoɔ. Wɔsiee no wɔ ɔno ara ne kurom Rama. Saa ɛberɛ no, na Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ afiri asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Nso na Samuel awu, na Israel nyinaa agyam no asie no Rama, n’ankasa ne kurom. Na Saul atu asamanfrɛfo ne asumanfo nyinaa afi asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 28:3
12 Iomraidhean Croise  

Sɛ n’agya mpene sɛ ɔde no ma no a, ɔnkari sika mma, sɛdeɛ wɔma mmaa bunu tiriadeɛ no.


Mma ɔbaa ntafowayifoɔ nntena ase.


Monnnane mo ho nnkɔ ɔdebisafoɔ nkyɛn, na monnhwehwɛ adunsinfoɔ akyiri kwan mmfa nngu mo ho fi wɔ wɔn ho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na ɔbarima anaa ɔbaa a adebisa anaa akɔm honhom wɔ ne mu no, kum na wɔnku wɔn; wɔnsi wɔn aboɔ; wɔn mogya gu wɔn atifi.


Na obiara a ɔdane ne ho kɔ adebisafoɔ anaa adunsinfoɔ nkyɛn kɔdi wɔn akyi adwamammɔ kwan soɔ no, mɛma m’ani asa saa onipa no, na mɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Na atuateɛ te sɛ woakɔ abisa, na asoɔden te sɛ amumuyɛ ne ahonisom. Ɛsiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti, ɔno nso apo wo afiri ahennie no so.


Na Samuel wuiɛ; na Israel nyinaa boaboaa wɔn ano bɛgyamm no, na wɔkoraa no ne fie wɔ Rama. Na Dawid sɔre siane kɔɔ Paran serɛ so.


Na ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo ara wonim deɛ Saulo ayɛ, sɛdeɛ watwitwa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ afiri asase yi soɔ, na adɛn nti na woresum me kra fidie ama wɔaku me yi?


Na ɔsane ba Rama, na ɛhɔ na na ne fie wɔ, na ɔbu Israel atɛn hɔ; na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan