Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 27:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na Dawid ne ne mmarima no kɔ kɔtuaa Gesurfoɔ ne Girsifoɔ ne Amalekfoɔ; na wɔn na na wɔtete asase no soɔ firi teteete de kɔduru Sur a ɛda kɔ Misraim asase soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na Dawid ne ne mmarima no kɔ kɔtuaa Gesurfoɔ ne Girsifoɔ ne Amalekfoɔ; na wɔn na na wɔtete asase no soɔ firi teteete de kɔduru Sur a ɛda kɔ Misraim asase soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Afei, Dawid ne ne dɔm kɔtow hyɛɛ Gesurfo, Girsifo ne Amalekfo so. Saa nnipa yi na na kan no, wɔtete asase a ɛtrɛw kɔ Sur a ɛwɔ Misraim kwan so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Afei, Dawid ne ne dɔm kɔto hyɛɛ Gesurfoɔ, Girsifoɔ ne Amalekfoɔ so. Saa nnipa yi na na kane no, wɔtete asase a ɛtene kɔ Sur a ɛwɔ Misraim ɛkwan so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na Dawid ne ne mmarima no kɔe kotuaa Gesurfo ne Gersifo ne Amalekfo; na wɔn na wɔtete asase no so fi teteete, de kodu Sur a ɛde kɔ Misraim asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 27:8
22 Iomraidhean Croise  

Ɛno nti Yoab sii mu kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem.


Na Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, masoma ama wɔaba wo nkyɛn sɛ: Bra ha na mensoma wo ɔhene nkyɛn sɛ: Ɛdeɛn nti na mefiri Gesur mebaeɛ? Ɛyɛ ma me sɛ anka meda so mewɔ hɔ. Na afei mɛhunu ɔhene anim; na sɛ ɛso bi da me so a, ɔnku me.


Ɛfiri sɛ metenaa Gesur wɔ Aram no, w’akoa hyɛɛ bɔ sɛ: Sɛ AWURADE de me sane ba Yerusalem a, ɛnneɛ mɛsom AWURADE.


Na hwɛ, Dawid mmarima no ne Yoab firii akofoɔ asafo mu bae, na wɔde asadeɛ pii nso bae. Na Abner nni Dawid nkyɛn Hebron, ɛfiri sɛ wagya no kwan ma no kɔ dwoodwoo.


Na deɛ ɔtɔ so mmienu ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal kunafoɔ no woo no no. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba.


ɛfiri Edom, Moab, Amonfoɔ, Filistifoɔ, Amalekfoɔ ne Sobahene Rehob ba Hadadeser asadeɛ no mu.


Na Gesur ne Aram gyee Yair atenaeɛ no firii wɔn nsam, Kenat ne ɛho nkurowa, ɛyɛ nkuro aduosia. Yeinom nyinaa yɛ Gilead n’agya Makir mma.


Ɛnna Mose maa Israel tu firii Mmɛwa Po ho, na wɔfiri hɔ kɔɔ Sur serɛ so; na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa, na wɔnnya nsuo.


Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim.


Amalek te Negeb asase so, na Hetifoɔ ne Yebusifoɔ ne Amorifoɔ tete bepɔ so, na Kanaanfoɔ tete mpoano ne Yordan ho.


Ɛnna Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no siane ba bɛkunkumm wɔn bobɔɔ wɔn pete kɔduruu Horma.


Na ɔdii hene Hermon bepɔ so ne Salka ne Basan nyinaa de kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so ne Gilead fa, Hesbon hene Sihon hyeɛ ho.


nanso Israelfoɔ antu Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ, na Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ no tenaa Israel mu de bɛsi nnɛ yi.


Asase a aka no nie: Filistifoɔ nsase nyinaa ne Gesur nyinaa.


Nanso wɔantu Kanaanfoɔ a wɔte Geser no, na Kanaanfoɔ no atena Efraim mu de abɛduru nnɛ, na wɔayɛ nkoa a wɔde ɔsom adwuma yi toɔ.


Na Efraim antu Kanaanfoɔ a wɔte Geser no; na Kanaanfoɔ no tenaa wɔn mu wɔ Geser.


Ɛnna Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, wotene, na me deɛ, anka ɛyɛ ma me sɛ wo ne me bɛdi akɔneaba ɔsa yi mu; ɛfiri sɛ ɛfiri da a wobaa me nkyɛn de bɛsi nnɛ menhunuu wo ho bɔne biara; na asafohene no na ɛmpɛ woɔ.


Na Dawid ne ne mmarima no duruu Siklag da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na Amalekfoɔ abɛtua anafoɔ fam ne Siklag, na wɔabɔ Siklag, na wɔde ogya ahye.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan