Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 26:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Na hwɛ, sɛdeɛ wo kra asom boɔ nnɛ m’ani soɔ yi, saa ara na me kra nso nsom boɔ AWURADE ani soɔ, na ɔnyi me mfiri ahohiahia nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Na hwɛ, sɛdeɛ wo kra asom boɔ nnɛ m’ani soɔ yi, saa ara na me kra nso nsom boɔ AWURADE ani soɔ, na ɔnyi me mfiri ahohiahia nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Afei, me kra nsom Awurade bo, sɛnea wo de asom me bo nnɛ yi. Onnye me mfi me haw nyinaa mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Afei, me kra nsom Awurade bo, sɛdeɛ wo deɛ asom me bo ɛnnɛ yi. Ɔnnye me mfiri me haw nyinaa mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Na hwɛ, sɛnea wo kra asom bo nnɛ m’ani so yi, saa ara na me kra nso nsom bo AWURADE ani so, na onyi me mfi ahohia nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 26:24
17 Iomraidhean Croise  

Ɔbɔfoɔ a ɔyii me bɔne nyinaa mu no, nhyira mmɔfra yi, na wɔmfa me din ne me nananom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase so.


Nanso Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE a ɔgyee me kra ahohiahia nyinaa mu te aseɛ yi,


M’adɔeɛ ne m’abankɛseɛ, m’abantenten ne me gyefoɔ, me kyɛm ne deɛ medwane mekɔtoa no a ɔbrɛ me man ase hyɛ m’aseɛ.


Ao, AWURADE, m’ahoɔden, medɔ wo.


Ɔnokwafoɔ na wo ne no bɛdi no nokorɛ mu, onipa a ɔdi mu na wo ne no bɛdi no mudie soɔ.


wagye me afiri m’atamfoɔ mu, aane, woama me so afiri wɔn a wɔsɔre tiaa me no mu, woagye me awerɛmfoɔ nsam.


Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa, sɛdeɛ emu baako mpo mmu.


Na wagye me, amaneɛ nyinaa mu, na m’ani ahunu deɛ mepɛ m’atamfoɔ ho.


Nhyira ne mmɔborɔhunufoɔ, na wɔn na wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ.


Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo.


hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Na wɔnyi yɛn mfiri nnipa amumuyɛfoɔ ne abɔnefoɔ nsa mu, ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidie.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.


Na Filistifoɔ asafohene firii adi bɛkoeɛ; na da biara a wɔfiri adi ba no, ɛsi Dawid yie sene Saulo nkoa nyinaa. Na na wɔbɔ ne din anidie mu sɛ.


Na Dawid kaa nsɛm yi kyerɛɛ Saulo wieeɛ no, Saulo kaa sɛ: Wo nne nie, me ba Dawid? Na Saulo maa ne nne so suiɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan