Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 26:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na AWURADE bɛdane onipa biara tenenee ne ne nokorɛdie ama no, sɛ nnɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa, na mampɛ sɛ metene me nsa meka deɛ AWURADE asra no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na AWURADE bɛdane onipa biara tenenee ne ne nokorɛdie ama no, sɛ nnɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa, na mampɛ sɛ metene me nsa meka deɛ AWURADE asra no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Awurade na ɔma papayɛ ne nokwaredi so akatua. Awurade de wo hyɛɛ me tumi ase mpo, mampɛ sɛ mekum wo, efisɛ woyɛ obi a Awurade asra wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Awurade na ɔma papayɛ ne nokorɛdie so akatua. Awurade de wo hyɛɛ me tumi ase mpo, mampɛ sɛ mɛkum wo, ɛfiri sɛ woyɛ obi a Awurade asra no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na AWURADE bɛdan onipa biara trenee ne ne nokwaredi ama no, sɛ nnɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa, na mampɛ sɛ meteɛ me nsa meka nea AWURADE asra no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 26:23
16 Iomraidhean Croise  

AWURADE tuaa me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ, sɛdeɛ me bemdie teɛ na ɔtuaa me ka.


Na AWURADE atua me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ, sɛdeɛ m’ahoteɛ a ɛda n’anim no teɛ.


ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛbu ɔbɔnefoɔ fɔ ama ne kwan abua n’atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.


Me Nyankopɔn, kae me yei ho, na mpepa m’adɔeɛ a mayɛ mama me Nyankopɔn fie ne ne som adwuma no.


na mmom, onipa nneyɛɛ so ka na ɔtua no, na sɛdeɛ obi kwan teɛ no, saa na ɔma no to no.


na wo, AWURADE, na adom wɔ woɔ. Na wobɛtua onipa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ wo batakari ano kura me nsam. Na ɛnam sɛ matwa wo batakari ano na manku woɔ yi, hunu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne biara, nso wo deɛ, worepɛ me aku me.


AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn, na AWURADE nnye m’aweretɔdeɛ wo nsam. Na me nsa deɛ, ɛrenka wo.


Na woakyerɛ me nnɛ sɛ wo ne me adi no yie, sɛ AWURADE de me hyɛɛ wo nsa na woanku me.


Na sɛ obi to ne tamfo a, ɔbɛma no de ne ho sɔnn akɔ anaa? Enti AWURADE ntua wo ka pa nhyɛ deɛ woayɛ me nnɛ yi ananmu.


AWURADE mma no mpare me sɛ mɛtene me nsa maka deɛ AWURADE asra no no. Na afei fa pea a ɛwɔ n’atifi no ne nsuo kuruwa no na yɛnkɔ.


Na Dawid buaa sɛ: Hwɛ, ɔhene pea nie, na ma mmeranteɛ no mu baako mmra mmɛfa.


Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Nku no, na hwan na ɔtene ne nsa ka deɛ AWURADE asra no na ɔdi bem?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan