Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 26:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Enti afei wɔmmma me mogya nngu fam wɔ faako a ɛnyɛ AWURADE anim, ɛfiri sɛ Israel hene afiri adi rehwehwɛ ɔkraman dwie, sɛdeɛ wɔti akokɔhwedeɛ wɔ mmepɔ soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Enti afei wɔmmma me mogya nngu fam wɔ faako a ɛnyɛ AWURADE anim, ɛfiri sɛ Israel hene afiri adi rehwehwɛ ɔkraman dwie, sɛdeɛ wɔti akokɔhwedeɛ wɔ mmepɔ soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Minwu wɔ ananafo asase so a ɛhɔ ne Awurade anim kwan ware ana? Adɛn nti na Israelhene atu sa, rehwehwɛ sommɔre; sɛnea ɔbɔmmɔfo kɔ ahayɛ kɔpɛ asɛmɛntɛ wɔ mmepɔw so?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Menwu wɔ ananafoɔ asase so a ɛhɔ ne Awurade anim ɛkwan ware anaa? Adɛn enti na Israelhene atu sa, rehwehwɛ edwie baako pɛ? Adɛn enti na mokɔ me atwee sɛdeɛ ɔbɔfoɔ kɔ ha pɛ akokɔhwedeɛ wɔ mmepɔ so?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Enti afei wɔmmma me mogya nngu fam wɔ faako a ɛnyɛ AWURADE anim, efisɛ Israel hene afi adi rehwehwɛ ɔkraman dwiw, sɛnea wotiw akokɔhwerew wɔ mmepɔw so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 26:20
9 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofoɔ pii aba, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔyi wɔn, na yei akyiri no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfoɔ pii aba na wɔakɔtwe wɔn afiri mmepɔ nyinaa so ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu.


M’atamfoɔ apamo me kwa sɛ anomaa.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dummienu no mu baako bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nkyɛn ka ne ho.


Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so de nkrantɛ ne mmaa rebɛkye me? Metenaa asɔrefie mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankye me.


Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so, na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim.


Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ wo batakari ano kura me nsam. Na ɛnam sɛ matwa wo batakari ano na manku woɔ yi, hunu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne biara, nso wo deɛ, worepɛ me aku me.


Hwan akyi na Israel hene atu die yi? Hwan na woreti no yi? Ɔkraman funu akyi, ɔkraman dwie baako akyi.


Na AWURADE nyɛ ɔtemmufoɔ, na ɔmmu me ne wo ntam atɛn, na ɔnhunu na ɔnni m’asɛm mma me, na ɔmmu me atɛn nyi me wo nsam.


Na sɛ onipa asɔre reti wo na wahwehwɛ wo aku wo a, ɛnneɛ wɔnkyekyere me wura kra, nkwa boaa mu, AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na w’atamfo kra deɛ, wɔnto no sɛ adeɛ a ɛfiri ntɔmmoɔ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan