Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 24:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na woakyerɛ me nnɛ sɛ wo ne me adi no yie, sɛ AWURADE de me hyɛɛ wo nsa na woanku me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na woakyerɛ me nnɛ sɛ wo ne me adi no yie, sɛ AWURADE de me hyɛɛ wo nsa na woanku me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Ampa ara woayɛ me papa a ɛboro so, efisɛ Awurade de me hyɛɛ wo nsa, a anka wubetumi akum me nanso woankum me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ampa ara woayɛ me papa a ɛboro so, ɛfiri sɛ Awurade de me hyɛɛ wo nsa a, anka wobɛtumi akum me nanso woanku me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na woakyerɛ me nnɛ sɛ wo ne me adi no yiye, sɛ AWURADE de me hyɛɛ wo nsa na woankum me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 24:18
10 Iomraidhean Croise  

Na Yuda ani hunuiɛ no, ɔkaa sɛ: Ɔtene sene me, ɛfiri sɛ mamfa no mamma me ba Sela. Nanso ɔne no anna bio.


Na woanyi me anhyɛ ɔtamfoɔ nsa, wode me nan agyina deɛ ɛtrɛ.


ma ɔtamfoɔ ntaa me kra, na ɔnkyere me, na ɔntiatia me nkwa so fam, na ɔmma m’animuonyam nyɛ fam.


na wobɛso nsramma agu n’atifi, na AWURADE bɛhyɛ wo ananmu.


Na Dawid kaa sɛ: Keilafoɔ bɛyi me ne me nnipa ahyɛ Saulo nsa? Na AWURADE se: Wɔbɛyi wo ama.


Na wɔkɔka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid aba Keila. Na Saulo kaa sɛ: Onyankopɔn reyi no ahyɛ me nsa, na wato ne ho mu, sɛ wakɔ kuro a ano wɔ apono ne adaban mu.


Hwɛ, ɛnnɛ da yi w’ani ahunu sɛdeɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa nnɛ ɔbodan no mu; na wɔkaa sɛ menku wo, na medodoo wo ho, na mese: Merentene me nsa menka me wura, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE asra no ne no.


Na sɛ obi to ne tamfo a, ɔbɛma no de ne ho sɔnn akɔ anaa? Enti AWURADE ntua wo ka pa nhyɛ deɛ woayɛ me nnɛ yi ananmu.


Na AWURADE bɛdane onipa biara tenenee ne ne nokorɛdie ama no, sɛ nnɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa, na mampɛ sɛ metene me nsa meka deɛ AWURADE asra no no.


Na Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Onyankopɔn de wo tamfo ahyɛ wo nsa nnɛ, na afei ma memfa pea no menwɔ no nhwire ne mu nsi fam prɛko, na meremfoa no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan