Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 23:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Dawid kɔɔ so bisaa AWURADE bio. Na AWURADE buaa no sɛ: Sɔre siane kɔ Keila, na me na mede Filistifoɔ no merehyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Dawid kɔɔ so bisaa AWURADE bio. Na AWURADE buaa no sɛ: Sɔre siane kɔ Keila, na me na mede Filistifoɔ no merehyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Enti Dawid bisaa Awurade bio maa Awurade buaa no se, “Kɔ Keila na mɛboa wo ama woadi Filistifo no so nkonim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Enti Dawid bisaa Awurade bio maa Awurade buaa no sɛ, “Kɔ Keila na mɛboa wo ama woadi Filistifoɔ no so nkonim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Dawid kɔɔ so bisaa AWURADE bio. Na AWURADE buaa no sɛ: Sɔre sian kɔ Keila, na me na mede Filistifo no merehyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 23:4
14 Iomraidhean Croise  

Na yei akyiri no Dawid bisaa AWURADE sɛ: Memforo nkɔ Yuda nkuro bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kaa sɛ: Ɛhe na memforo nkɔ? Na ɔse: Hebron.


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so anaa? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na mede Filistifoɔ no bɛhyɛ wo nsa ampa.


Na yei nso yɛ mmrɛ wɔ AWURADE ani so, na ɔbɛyi Moab nso ahyɛ mo nsa.


Ɛnna Dawid kɔbisaa Onyankopɔn sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so na wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, na mede wɔn bɛhyɛ wo nsa.


Na mo deɛ, monsɔre mfiri ɔtɛ no mu, na momfa kuro no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.


Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mma wo bo mmfu me, na ma menkasa prɛko yi bio. Ma memfa enwi no mensɔ menhwɛ prɛko yi bio, ma enwi no nko nwo na obosuo ntɔ ngu fam hɔ nyinaa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Mmarima ahasa a wɔtafereeɛ no na mede bɛgye mo, na mede Midian mahyɛ wo nsa, na ma wɔn a aka no mu biara nkɔ ne tenabea.


Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre siane kɔ nsraban no mu, na mede mahyɛ wo nsa.


Na wɔkɔbisaa AWURADE bio sɛ: Onipa no bɛnya aba anaa? Na AWURADE se: Hwɛ, wakɔhunta nnoɔma no mu.


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔto nhyɛ Filistifoɔ yi so anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na kɔto hyɛ Filistifoɔ no so, na gye Keila.


Na Dawid mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Yuda ha mpo yɛsuro, na nkantom sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔne Filistifoɔ dɔm ako.


Ɛnna Dawid ne ne nnipa no sii mu kɔɔ Keila, na ɔne Filistifoɔ no kɔkoeɛ, na ɔkaa wɔn mmoa faeɛ, na ɔkum wɔn ekumkɛseɛ, na Dawid gyee Keilafoɔ.


Na Saulo kɔbisaa AWURADE, nanso daeɛ mu oo, Urim ntonto so oo, adiyifoɔ anomu oo, AWURADE ammua no.


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menti ɛdɔm yi anaa? Mɛto wɔn? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ti wɔn, na wobɛto wɔn, na gyeɛ nso wobɛgye.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan