Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 23:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na wɔn baanu pamee AWURADE anim. Na Dawid tenaa Hores, na Yonatan kɔɔ ne fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na wɔn baanu pamee AWURADE anim. Na Dawid tenaa Hores, na Yonatan kɔɔ ne fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔn baanu no hyɛɛ wɔn ayɔnkofa apam mu den wɔ Awurade anim. Afei, Yonatan kɔɔ fie na Dawid de, ɔtenaa Hores hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔn baanu no hyɛɛ wɔn ayɔnkofa apam mu den wɔ Awurade anim. Afei, Yonatan kɔɔ efie na Dawid deɛ, ɔtenaa Hores hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na wɔn baanu pamee AWURADE anim. Na Dawid tenaa Hores, na Yonatan kɔɔ fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 23:18
8 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ntam a ɛda wɔn ntamu, na ɛda Dawid ne Saulo ba Yonatan ntamu no nti, ɔhene hunuu Saulo ba Yonatan ba Mefiboset mmɔbɔ.


Na Dawid bisaa sɛ: Obi da so wɔ hɔ a waka Saulo fie, na Yonatan nti mɛyɛ no adɔeɛ?


Na ɔne Saulo kasa wieeɛ no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ ɔno ara ne kra.


Na Yonatan ne Dawid pam apam bi, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no sɛ ɔno ara ne kra.


Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefoɔ ne w’asefoɔ ntam nkɔsi daa. Na ɔsii mu kɔeɛ; na Yonatan baa kuro no mu.


Na yɛ w’akoa adɔeɛ, ɛfiri sɛ AWURADE apam mu na woama wo ne w’akoa ahyɛne; na sɛ amumuyɛ bi wɔ me mu a, wo ara ku me, na adɛn nti na wode me rekɔma w’agya?


Na Dawid baa Nob Ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Na Ahimelek de ahopopoɔ bɛhyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo nko ara wonam na onipa biara nka wo ho yi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan