Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 22:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na Saulo ka kyerɛɛ n’asomfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Mo Benyaminfoɔ, montie! Yisai ba no nso bɛmema mo nyinaa mfuo ne bobe nturo na ɔde mo nyinaa asisi mpempem so asafohene ne ɔha ha so asafohene?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Saulo ka kyerɛɛ n’asomfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Mo Benyaminfoɔ, montie! Yisai ba no nso bɛmema mo nyinaa mfuo ne bobe nturo na ɔde mo nyinaa asisi mpempem so asafohene ne ɔha ha so asafohene?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Osee wɔn sɛ, “Muntie, Benyamin mmarima! Dawid ahyɛ mo mfuw ne bobe nturo ho bɔ bi ana? Wahyɛ mo bɔ sɛ mobɛyɛ nʼasafohene wɔ nʼakofo so ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Saulo tee asɛm no, ɔteaam sɛ, “Monyɛ aso, mo mmarima a mofiri Benyamin fie! Dawid ahyɛ mo mfuo ne bobe nturo ho bɔ bi anaa? Wahyɛ mo bɔ sɛ mobɛyɛ nʼasafohene wɔ nʼakodɔm so anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Saul ka kyerɛɛ ne nkoa a wogyinagyina ne ho no sɛ: Mo Benyaminfo, muntie! So Yese ba no nso bɛmoma mo nyinaa mfuw ne bobe nturo na ɔde mo nyinaa asisi mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 22:7
14 Iomraidhean Croise  

Afei Dawid kanee ɛdɔm a wɔka ne ho no, na ɔde mpem mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene sisii wɔn so.


Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yɛnni kyɛfa biara wɔ Dawid mu, na yɛnni agyapadeɛ Yisai ba no nkyɛn. Israel, monkɔ mo adan mu.


Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu? Yɛnni agyapadeɛ bi Yisai ba no mu, monkɔ mo afie mu, Israel, afei Dawid, hwɛ wo ara wo fie so. Ɛnna Israel sii mu kɔɔ wɔn afie.


Na Benyamin ne Yuda mma mu binom nso baa Dawid nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ.


Na duforɔ bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu, na duban afiri ne nhini mu aso aba.


Na da no, Yisai nhini mu duforɔ a ɛsi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyiri kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne homebea bɛyɛ animuonyam.


Na Dawid nyaa nkɔsoɔ n’akwan nyinaa mu, na AWURADE dii n’akyi.


Na adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ bosome no da a ɛtɔ so mmienu a na Dawid atenaeɛ da mpan no, Saulo bisaa ne ba Yonatan sɛ: Adɛn nti na Yisai ba no amma adidie ase nnora ne nnɛ yi?


Ɛnna Saulo bo fuu Yonatan, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo, ɔbaa brakyewni tuateni ba, adɛn menhunuu sɛ woafa Yisai ba no adamfo de rehyɛ wo ho ne wo na adagya mu aniwuo?


Na Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo ne Yisai ba no apam me tiri soɔ, na womaa no aduane ne nkrantɛ, na wobisaa Onyankopɔn maa no, sɛ ɔnsɔre me so na ɔntetɛ me sɛdeɛ ɛte nnɛ yi?


Ɛnna Edomni Doeg a ɔno nso gyina Saulo nkoa no nkyɛn no buaa sɛ: Mehunuu Yisai ba no sɛ ɔbaa Nob, Ahitub ba Ahimelek nkyɛn


Na Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: Hwan ne Dawid, na hwan ne Yisai ba? Ɛnnɛ nkoa a wɔtete wɔn ho firi wɔn wuranom ho dɔɔso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan