Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 22:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔgyaa wɔn Moabhene no nkyɛn, na wɔtenaa ne nkyɛn nna a Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ hɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔgyaa wɔn Moabhene no nkyɛn, na wɔtenaa ne nkyɛn nna a Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ hɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene no penee so maa Dawid awofo tenaa Moab mmere dodow a na Dawid te ne hintabea hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene no penee so, maa Dawid awofoɔ tenaa Moab a na Dawid nso te nʼabanbɔeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ogyaw wɔn Moab hene no nkyɛn, na wɔtenaa ne nkyɛn nna a Dawid wɔ bepɔw so atenae hɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 22:4
15 Iomraidhean Croise  

Na Dawid sɔree anɔpa no, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Gad, Dawid dehununi no nkyɛn sɛ:


Na ɔkaa Moab nso gui, na ɔmaa wɔdedaa fam akuo mmiɛnsa. Na wɔkumm nnipa akuo no mu mmienu, na wɔgyaa ekuo baako sɛ wɔntena ase. Na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ ma no.


Nso ɛberɛ no mu, na Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ no mu, na Filistifoɔ bansifoɔ wɔ Betlehem.


Na Benyamin ne Yuda mma mu binom nso baa Dawid nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid ɔdehununi Gad sɛ:


Na Ɔhene Dawid nsɛm a ɛdi kan ne deɛ ɛdi akyire no, hwɛ, wɔatwerɛ no Ɔdehunufoɔ Samuel nsɛm ne Odiyifoɔ Natan Nsɛm ne Ɔdehwɛfoɔ Gad nsɛm mu.


Na ɔde Lewifoɔ no gyinagyinaa AWURADE fie, na wɔkurakura nnawuro ne mmɛnta ne asankuten sɛdeɛ Dawid ne ɔhene no Ɔdehunufoɔ Gad ne Odiyifoɔ Natan hyɛeɛ no. Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nsa so na ɔhyɛeɛ.


Na mese: Ɔbarima a ɔte sɛ me bɛdwane anaa? Na hwan na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛne asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.


AWURADE na medwane kɔtoa no, adɛn na mose me kra sɛ: Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so.


Na sɛ wɔtaa mo kuro yi mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu; na nokorɛ mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.


Na Dawid firii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moabhene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.


Na Odiyifoɔ Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ntena bepɔ so atenaeɛ hɔ, na sim kɔ Yuda asase so. Na Dawid sii mu baa Heret kwaeɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan