Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 22:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Dawid firii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moabhene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Dawid firii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moabhene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Akyiri no, Dawid kɔɔ Mispe a ɛwɔ Moab kobisaa Moabhene se, “Wobɛma mʼagya ne me na abɛtena wo nkyɛn kosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ ama me ana?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Akyire yi, Dawid kɔɔ Mispe a ɛwɔ Moab. Ɛhɔ na ɔbisaa ɔhene no sɛ, “Wobɛma mʼagya ne me maame abɛtena ha, na woabɔ wɔn ho ban kɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ ama me anaa?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Dawid fii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moab hene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 22:3
15 Iomraidhean Croise  

Na Yosef maa n’agya ne ne nuanom tenaberɛ, na ɔmaa wɔn asase wɔ Misraim wɔ deɛ asase no yɛ, wɔ Rameses asase so, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no.


Na ɔkaa Moab nso gui, na ɔmaa wɔdedaa fam akuo mmiɛnsa. Na wɔkumm nnipa akuo no mu mmienu, na wɔgyaa ekuo baako sɛ wɔntena ase. Na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ ma no.


Di wo na ne w’agya ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.


Na sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, wɔnsua onyamesom pa wɔn fie mu kane, ntua wɔn awofoɔ ka; ɛfiri sɛ yei na ɛyɛ na ɛsɔ Nyankopɔn ani.


Na AWURADE honhom baa Yefta so, na ɔfaa Gilead ne Manase sene kɔɔ Gilead-mispe na ɔfiri Gilead-mispe twaa mu kɔɔ Amonfoɔ no so.


Na Moabni Rut, Mahlon yere no nso, matua ne tiri adeɛ aware no, na ɔsaman no din atena hɔ daa, n’agyapadeɛ mu, na wɔantwa ɔsaman no din amfiri ne nuanom mu ne ne kuro pono ano. Mone adansefoɔ nnɛ!


Na n’afipamfoɔ mmaa no too no din kaa sɛ: Wɔawo ɔbabarima ama Naomi. Na wɔfrɛɛ no Obed, ɔno ne Dawid agya Yisai agya.


Na Saulo dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae, ɔne Moab ne Amonfoɔ ne Edom ne Soba ahemfo ne Filistifoɔ koeɛ; na baabiara a ɔdanee ne ho koeɛ no, ɔdii nim.


Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn, na ɔdii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho.


Na ɔgyaa wɔn Moabhene no nkyɛn, na wɔtenaa ne nkyɛn nna a Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ hɔ nyinaa.


Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansi no bi so. Na ɔse: Ɛyɛ AWURADE, deɛ ɛyɛ n’ani soɔ no, ɔnyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan