Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 22:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar firii mu dwane tii Dawid.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar firii mu dwane tii Dawid.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar guan kɔɔ Dawid nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar dwane kɔɔ Dawid nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na Ahitub ba Ahimelek babarima biako a wɔfrɛ no Abiatar fii mu guan tiw Dawid.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 22:20
15 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, Abiatar baeɛ na Sadok nso nie, a Lewifoɔ nyinaa ka ne ho. Wɔso Nyankopɔn apam adaka no, na wɔsoɛɛ Nyankopɔn adaka no sii hɔ, na wɔamfa bio kɔsii sɛ ɔman no nyinaa firii kuro no mu twaa mu wieeɛ ansa.


Na Sefa ne ɔtwerɛfoɔ, na Sadok ne Abiatar ne asɔfoɔ.


Na ɔne Seruia ba Yoab ne Ɔsɔfoɔ Abiatar dii atirimusɛm, na wɔdii Adoniya akyi boaa no.


Na Dawid frɛɛ Sadok ne Abiatar, asɔfoɔ no, ne Lewifoɔ no: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab,


Na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Abimelek ne asɔfoɔ. Na Sawsa ne ɔtwerɛfoɔ.


hwɛ, mframa kɛseɛ firi ɛserɛ so aba abɛbɔ ɛdan no ntwea nnan no, na adwiri agu wɔn so ama wɔawuwu, na me nko ara na mafiri mu sɛ merebɛka makyerɛ wo.


Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfoɔ Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod nua Ahitub ba hyɛ asɔfotadeɛ no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ.


Nanso meremma onipa mmɔ wo m’afɔrebukyia ho, na wama w’ani ayɛ siamoo na wahyɛ wo kra awerɛhoɔ; na wo fie dodoɔ bɛwuwu wɔn mmeranteberɛ mu.


Na Abiatar ka kyerɛɛ Dawid sɛ Saulo akum AWURADE asɔfoɔ no.


Na Ahimelek ba Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn Keila no, na asɔfotadeɛ no kura no, na ɔde siane kɔeɛ.


Na Dawid hunuu sɛ Saulo rebɔ ne ho pɔ bɔne no, ɔka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ: Fa asɔfotadeɛ no bra.


Na Dawid ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Ahimelek ba Abiatar sɛ: Fa asɔfotadeɛ no brɛ me. Na Abiatar de asɔfotadeɛ no brɛɛ Dawid.


Na Benyaminni bi firi mpasua no mu tutuu mmirika baa Silo da no ara, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan