Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 22:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn, na ɔdii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn, na ɔdii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Afoforo bi nso kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Na saa nnipa no yɛ nnipa a ɔhaw da wɔn so anaa wɔn a wɔdede aka ne wɔn a asetena nkɔ wɔn yiye. Wɔbae ara kosii sɛ Dawid bɛyɛɛ ɔkannifo maa nnipa bɛyɛ sɛ ahannan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Afoforɔ bi nso kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Na saa nnipa no yɛ nnipa a ɔhaw da wɔn so anaa wɔn a wɔdede aka ne wɔn a asetena nkɔ wɔn yie. Wɔbaeɛ ara kɔsii sɛ Dawid bɛyɛɛ ɔkannifoɔ maa nnipa bɛyɛ sɛ ahanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a ɛdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahow boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na odii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 22:2
22 Iomraidhean Croise  

Na Husai kaa sɛ: Wo ara wonim w’agya ne ne mmarima sɛ wɔyɛ ahoɔdenfoɔ, na wɔn bo ahuri sɛ sisire a wɔafa ne mma wiram, na w’agya nso yɛ dɔmmarima, na ɔne nkurɔfoɔ no renna anadwo yi.


Nso akane no a na Saulo di yɛn so hene no, wone deɛ na ɔde Israel firi adie na ɔde wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo na wobɛdi Israel so hene.


Sane kɔka kyerɛ Hesekia, me man so hwɛfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn seɛ nie: Mate wo mpaebɔ, mahunu wo nisuo, hwɛ, me na mɛsa wo yadeɛ. Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wobɛforo akɔ AWURADE fie.


Na adiyifoɔ mma no mu baako yere teaa mu ka kyerɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro AWURADE; na ɔkafoɔ aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.


Fa nsaden ma deɛ ɔresɛeɛ, ne bobesa ma awerɛhofoɔ.


Na ɛfiri Osuboni Yohane berɛ so bɛsi nnɛ wɔyɛ ɔsoro ahennie no ho adeɛ anibereɛ so, na wɔn a wɔn ani abereɛ no fa no aniɛden so.


Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.


Na ɛfataa deɛ ne nti nnoɔma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nnoɔma nyinaa wɔ hɔ, deɛ ɔde mma bebree baa animuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagyeɛ safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu.


Ɛnna Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase soɔ na nnipa ahuhufoɔ bi boaa wɔn ano bɛkaa Yefta ho, na wɔne no firii adi.


Na Danfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Mma wɔnnte wo nne wɔ yɛn mu, na mmarima a wɔn bo afuo ammɛto anhyɛ mo so, na woanhwere wo nkwa ne wo fiefoɔ deɛ.


Na ne kra werɛ hoe, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ, na ɔde yea sui.


Na Dawid firii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moabhene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.


Ɛnna Dawid ne ne mmarima a wɔbɛyɛ ahansia no sɔre firii Keila, na wɔkɔɔ baabiara a wɔbɛtumi akorɔ. Na wɔkɔka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid adwane afiri Keila no, ɔgyaee n’akyiridie.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: Mo nyinaa mmobɔ mo nkrantɛ mo asenem. Na wɔn nyinaa bobɔɔ wɔn nkrantɛ, na Dawid nso bɔɔ ne nkrantɛ, na ɛbɛyɛ mmarima ahanan foro dii Dawid akyi, na ahanu tenaa nnoɔma no ho.


Na Dawid ho kyeree no papaapa, ɛfiri sɛ ɛdɔm no kaa sɛ wɔbɛsi no aboɔ, na ɛdɔm no nyinaa kra botoeɛ, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nti; nanso Dawid hyɛɛ ne ho den AWURADE Nyankopɔn mu.


Ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu mɛsoma ɔbarima bi afiri Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo si no me man Israel so hene, na ɔnnye me man mfiri Filistifoɔ nsam; na mahunu me man, ɛfiri sɛ wɔn su aduru me nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan