Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 22:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na asɔfoɔ kuro Nob nso, ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn; mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne mfunumu ne nnwan nyinaa na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na asɔfoɔ kuro Nob nso, ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn; mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne mfunumu ne nnwan nyinaa na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Afei, ɔkɔɔ Nob a ɛyɛ asɔfo no kurom, kokunkum asɔfo no fifo mmarima, mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi, mfurum ne nguan nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Afei, ɔkɔɔ Nob a ɛyɛ asɔfoɔ no kurom, kɔkunkumm asɔfoɔ no fiefoɔ mmarima, mmaa, mmɔfra ne mmadoma, anantwie, mfunumu ne nnwan nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na asɔfo kurow Nob no nso, ɔde nkrante kunkum wɔn; mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne mfurum ne nguan nyinaa na ɔde nkrante kunkum wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 22:19
13 Iomraidhean Croise  

Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina Nob, ɔbɛwoso ne nsa agu Sion babaa bepɔ, Yerusalem kokoɔ no, so.


Enti hooyɛ bɛsɔre wo man no mu, na wɔabɛsɛe w’abandenden nyinaa, sɛdeɛ Salman sɛee Bet-arbel, ɔko da no, wɔbɛtete ɛna mu agu mma so.


na wɔbisaa no sɛ: Wote deɛ yeinom reka no? Na Yesu see wɔn sɛ: Aane. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkɔkoaa ne wɔn a wɔnom nufoɔ ano mu na woasiesie ayeyie, anaa?


Na mmɔborɔhunu nni atemmuo mu ma deɛ wanhunu mmɔborɔ, na mmɔborɔhunu hoahoa ne ho di atemmuo so nkonim.


Na kuro no nyɛ ahyiradeɛ, ɛno ne emu ade nyinaa mma AWURADE; odwamamfoɔ Rahab nko ara na ɔnnya nkwa, ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn ne ne fie nyinaa, ɛfiri sɛ ɔno na ɔde abɔfoɔ a yɛsomaa wɔn no huntaeɛ.


Na wɔde nkrantɛ ano sɛee deɛ ɛwɔ kuro no mu nyinaa pasapasa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie ne nnwan ne mfunumu.


Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu.


Na ɔkyeree Amalekhene Agag animono, na ɔman no nyinaa deɛ, ɔde nkrantɛ ano sɛee wɔn pasapasa.


Na Saulo ne dɔm no hunuu Agag ne nnwan ne anantwie a wɔyɛ ne wɔn a wɔadodɔre sradeɛ ne nnwammuruwa ne deɛ ɛyɛ no nyinaa mmɔbɔ, na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn; na adeɛ biara a wɔmmuo na ɛnyɛ mma hwee no deɛ, wɔsɛee no pasapasa.


Na Dawid baa Nob Ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Na Ahimelek de ahopopoɔ bɛhyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo nko ara wonam na onipa biara nka wo ho yi?


Ɛnna ɔhene soma maa wɔkɔhyiaa Ahitub ba Ɔsɔfoɔ Ahimelek ne n’agya fie asɔfoɔ a wɔwɔ Nob no nyinaa, na wɔn nyinaa baa ɔhene nkyɛn.


Ɛnna Edomni Doeg a ɔno nso gyina Saulo nkoa no nkyɛn no buaa sɛ: Mehunuu Yisai ba no sɛ ɔbaa Nob, Ahitub ba Ahimelek nkyɛn


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan