Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 22:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɔhene kaa sɛ: Ahimelek, wuo ara na wobɛwuo, wo ne w’agya fie nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ɔhene kaa sɛ: Ahimelek, wuo ara na wobɛwuo, wo ne w’agya fie nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na ɔhene kae se, “Ɔkwan biara so, wubewu. Ahimelek, wo ne wo fifo nyinaa bewuwu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Na ɔhene kaa sɛ, “Ɛkwan biara so, wobɛwu. Ahimelek, wo ne wo fiefoɔ nyinaa bɛwu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔhene kae sɛ: Ahimelek, owu ara na wubewu, wo ne w’agya fi nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 22:16
14 Iomraidhean Croise  

Na ɛbaa sɛ Isebel retwitwa AWURADE adiyifoɔ aguo no, Obadia faa AWURADE adiyifoɔ ɔha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kɔsiesiee ɔbodan mu, na ɔde aduane ne nsuo hwɛɛ wɔn.)


Na Isebel somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Elia nkyɛn sɛ: Sei na anyame no nyɛ me, na sei nso na wɔmfa nka ho, sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na mama wo kra ayɛ sɛ wɔn mu baako deɛ.


Nanso wampɛ sɛ ɔde ne nsa bɛka Mordekai nko ara, ɛfiri sɛ na wɔakyerɛ no deɛ Mordekai fire, na Haman hwehwɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ Akas-weros ahennie nyinaa mu a wɔyɛ Mordekai nkurɔfoɔ no nyinaa.


Ɔbɔnefoɔ a ɔdi ɔman mmɔborɔfoɔ soɔ te sɛ gyata a ɔbobom ne sisire a n’ani abereɛ.


Yei nti ɔhene bo fui, na n’ani beree kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnkum Babel anyansafoɔ nyinaa.


Ɔhene bua see Kaldeafoɔ no sɛ: Deɛ maka no ara na maka: Sɛ moankyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, wɔbɛtwitwa mo mu asinasini, na wɔadane mo afie sumina.


Na Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no agoro ne ho no, ne bo fuu pii; na ɔsoma maa wɔkɔkunkumm mmɔfra a wɔwɔ Betlehem ne n’ahyeɛ so a wɔadi mfeɛ mmienu ne wɔn a wɔnnya nniiɛ nyinaa, sɛdeɛ berɛ no a ɔbisabisaa anyansafoɔ no kyerɛ.


Na Herode hwehwɛɛ no na wanhu no no, ɔbisaa awɛmfoɔ no sɛ ɛyɛeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔkum wɔn. Na ɔsiane firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ.


Wɔnnkum nananom wɔ wɔn mma bɔne so nti, na wɔnnkum mma wɔ wɔn nananom bɔne so nti; na obiara bɔne nti na wɔnku no.


Na Saulo kaa sɛ: Yonatan, Onyankopɔn nyɛ saa na ɔnkɔ so nyɛ saa, sɛ wuo na wobɛwuo.


Na mmerɛ dodoɔ a Yisai ba no te ase asase soɔ yi, wo ne w’ahennie rennyina. Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, na wuo ara na ɔbɛwuo.


Nnɛ na merefiri aseɛ mabisa Onyankopɔn mama no anaa? Yei mpare me! Mma ɔhene mmfa asɛm bi nnto n’akoa anaa m’agya fie nyinaa so, na w’akoa nnim yeinom nyinaa ho hwee, ketewa oo, kɛseɛ oo!


Na ɔhene ka kyerɛɛ awɛmfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Monnanedane mo ho nkum AWURADE asɔfoɔ no, na wɔn nsa nso wɔ Dawid deɛ mu, na wɔnim sɛ ɔredwane, na wɔanyi me asotire. Na ɔhene nkoa no ampɛ sɛ wɔtene wɔn nsa ka AWURADE asɔfoɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan