Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 22:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na Ahimelek buaa ɔhene sɛ: Na wo nkoa nyinaa mu hwan na ɔyɛ ɔnokwafoɔ sɛ Dawid a ɔyɛ ɔhene ase, na ɔtie w’asɛm, na wɔdi no ni wɔ wo fie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na Ahimelek buaa ɔhene sɛ: Na wo nkoa nyinaa mu hwan na ɔyɛ ɔnokwafoɔ sɛ Dawid a ɔyɛ ɔhene aseɛ, na ɔtie w’asɛm, na wɔdi no ni wɔ wo fie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ahimelek buae se, “Nana, mesrɛ mibisa sɛ, wʼasomfo yi nyinaa mu no, obi wɔ hɔ a ɔyɛ nokwafo te sɛ wʼase Dawid ana? Hwɛ ɔyɛ wʼawɛmfo nyinaa so safohene, na wobu no yiye wɔ wo fidua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ahimelek buaa sɛ, “Nana, mesrɛ mebisa sɛ, wʼasomfoɔ yi nyinaa mu no, obi wɔ hɔ a ɔyɛ nokwafoɔ te sɛ wʼase Dawid anaa? Hwɛ ɔyɛ wʼawɛmfoɔ nyinaa so safohene, na wɔbu no yie wɔ wo fidua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na Ahimelek buaa ɔhene sɛ: Na wo nkoa nyinaa mu hena na ɔyɛ ɔnokwafo sɛ Dawid a ɔyɛ ɔhene sew, na otie w’asɛm, na wodi no ni wɔ wo fi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 22:14
13 Iomraidhean Croise  

Na Israel mmarima no kekaa sɛ: Sɛ moahunu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel ara na waba rebɛtwa wɔn poa; na onii ko a ɔbɛku no no, ɔhene bɛma no anya ne ho sɛ, na ɔde ne babaa bɛma no aware, na wama n’agya fie ade wɔn ho wɔ Israel.


Enti Saulo yii no firii ne ho, na ɔsii no apem so safohene, na ɔdii ahyɛmfire, ɔman no anim.


Dawid sɔre sii mu, ɔno ne ne mmarima, na ɔkɔkumm Filistifoɔ mmarima ahanu. Na Dawid de wɔn mmarima ano wedeɛ baeɛ, na wɔkan maa no durui de kyerɛɛ ɔhene sɛ, ɔnyɛ ɔhene ase. Na Saulo de ne ba Mikal maa no aware.


Na Yonatan buaa n’agya Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wɔnku no? Ɛdeɛn na wayɛ?


Na Dawid ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ: Ɔhene ahyɛ me asɛm bi die, na waka akyerɛ me sɛ: Mma obiara nnhunu adekodeɛ a meresoma wo ho ne deɛ mahyɛ woɔ no ho biribiara; na mmeranteɛ no nso, mahyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ baabi.


Na Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo ne Yisai ba no apam me tiri soɔ, na womaa no aduane ne nkrantɛ, na wobisaa Onyankopɔn maa no, sɛ ɔnsɔre me so na ɔntetɛ me sɛdeɛ ɛte nnɛ yi?


Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ wo batakari ano kura me nsam. Na ɛnam sɛ matwa wo batakari ano na manku woɔ yi, hunu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne biara, nso wo deɛ, worepɛ me aku me.


Fa ɛso yi kyɛ w’afenaa ɛ! Na ampa ara AWURADE bɛkyekyere efie a atim ama me wura, ɛfiri sɛ me wura reko ama AWURADE, na wɔrenhunu wo mu bɔne biara wo nna nyinaa.


Na AWURADE bɛdane onipa biara tenenee ne ne nokorɛdie ama no, sɛ nnɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa, na mampɛ sɛ metene me nsa meka deɛ AWURADE asra no no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan