Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 22:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 na ɔbisaa AWURADE maa no, na ɔmaa no akwansoduane, na ɔde Filistini Goliat nkrantɛ no maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 na ɔbisaa AWURADE maa no, na ɔmaa no akwansoduane, na ɔde Filistini Goliat nkrantɛ no maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ahimelek bisaa Awurade nea Dawid nyɛ. Ɔsan maa no nnuan, na ɔde Filistini Goliat afoa no kaa ho maa no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ahimelek bisaa Awurade deɛ Dawid nyɛ. Ɔsane maa no nnuane, na ɔde Filistini Goliat akofena no kaa ne ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 na obisaa AWURADE maa no, na ɔmaa no akwansoduan, na ɔde Filistini Goliat nkrante no maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 22:10
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔnkɔgyina Ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔmmisa urim atemmuo mma no, AWURADE anim; wɔmfa n’asɛm so mfiri adi, na wɔmfa n’asɛm so mmra mu, ɔno ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa.


Na wɔkɔbisaa AWURADE bio sɛ: Onipa no bɛnya aba anaa? Na AWURADE se: Hwɛ, wakɔhunta nnoɔma no mu.


Na Dawid sɔre dwanee da no Saulo anim, na ɔkɔɔ Gathene Akis nkyɛn.


Ɛnna ɔhene soma maa wɔkɔhyiaa Ahitub ba Ɔsɔfoɔ Ahimelek ne n’agya fie asɔfoɔ a wɔwɔ Nob no nyinaa, na wɔn nyinaa baa ɔhene nkyɛn.


Na Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo ne Yisai ba no apam me tiri soɔ, na womaa no aduane ne nkrantɛ, na wobisaa Onyankopɔn maa no, sɛ ɔnsɔre me so na ɔntetɛ me sɛdeɛ ɛte nnɛ yi?


Nnɛ na merefiri aseɛ mabisa Onyankopɔn mama no anaa? Yei mpare me! Mma ɔhene mmfa asɛm bi nnto n’akoa anaa m’agya fie nyinaa so, na w’akoa nnim yeinom nyinaa ho hwee, ketewa oo, kɛseɛ oo!


Na Dawid kaa sɛ: Keilafoɔ bɛyi me ne me nnipa ahyɛ Saulo nsa? Na AWURADE se: Wɔbɛyi wo ama.


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔto nhyɛ Filistifoɔ yi so anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na kɔto hyɛ Filistifoɔ no so, na gye Keila.


Na Dawid kɔɔ so bisaa AWURADE bio. Na AWURADE buaa no sɛ: Sɔre siane kɔ Keila, na me na mede Filistifoɔ no merehyɛ wo nsa.


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menti ɛdɔm yi anaa? Mɛto wɔn? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ti wɔn, na wobɛto wɔn, na gyeɛ nso wobɛgye.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan