Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 21:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek sɛ: Pea anaa nkrantɛ biara nni wo nsam ha? Na me nkrantɛ ne me nnoɔma mpo mamfa mankura, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm no, wɔpɛ no ntɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek sɛ: Pea anaa nkrantɛ biara nni wo nsam ha? Na me nkrantɛ ne me nnoɔma mpo mamfa mankura, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm no, wɔpɛ no ntɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Dawid bisaa Ahimelek se, “Wowɔ peaw anaa afoa? Ɔhene adwuma no ho hia a na ehia nti, mannya bere amfa akode biara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Dawid bisaa Ahimelek sɛ, “Wowɔ pea anaa akofena? Ɔhene adwuma no ho hia a na ɛhia enti, mannya berɛ amfa akodeɛ biara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek sɛ: So peaw anaa nkrante bi nni wo nsam ha? Na me nkrante ne me nneɛma po mamfa mankura, efisɛ ɔhene asɛm no, wɔpɛ no ntɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 21:8
6 Iomraidhean Croise  

Ammirikatufoɔ a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no soɔ no nam ɔhene asɛm so firi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu.


Mommfa sika kotokuo anaa akwantuo bɔtɔ anaa mpaboa; na monnkyea obi ɔkwan mu!


Nso na Saulo nkoa mu nipa bi wɔ hɔ da no, a wɔato no mu AWURADE anim, ne din de Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo mmoahwɛfoɔ mu panin.


Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Filistini Goliat a wokum no Ela bonhwa mu no nkrantɛ, hwɛ, ɛno na wɔabobɔ no ntoma mu da asɔfotadeɛ no akyire no, ɛno na wobɛfa a, fa, na foforɔ biara nni ha sɛ ɛno. Na Dawid kaa sɛ: Ebi nte sɛ ɛno, fa ma me!


Na Dawid ka kyerɛɛ Abiatar sɛ: Da no a na Edomni Doeg wɔ hɔ no na mehunuu sɛ ɛyɛ deɛn ara a, ɔbɛkɔ akɔka akyerɛ Saulo; me na medi w’agya fie akra nyinaa ho so.


Ɛnna Edomni Doeg a ɔno nso gyina Saulo nkoa no nkyɛn no buaa sɛ: Mehunuu Yisai ba no sɛ ɔbaa Nob, Ahitub ba Ahimelek nkyɛn


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan