Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 21:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na Dawid buaa see ɔsɔfoɔ no sɛ: Ampa, wɔmma mmaa mmɛn yɛn berɛ biara a yɛrekɔ akɔdi dwuma bi no; na mmeranteɛ no adeɛ ho te, na nkantom nnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn adeɛ ho teɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Dawid buaa see ɔsɔfoɔ no sɛ: Ampa, wɔmma mmaa mmɛn yɛn berɛ biara a yɛrekɔ akɔdi dwuma bi no; na mmeranteɛ no adeɛ ho te, na nkantom nnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn adeɛ ho teɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Dawid buae se, “Mma hwee nhaw wo. Sɛ me mmarima no kodi dwuma bi baabi a, memmma wɔn kwan mma wɔmmfa wɔn ho nka mmea. Na sɛ wɔtena ase kronkron wɔ akwantu teta mu a, adɛn nti na saa dwumadi a ɛho hia yiye yi, wontumi ntena kronkronyɛ mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Dawid buaa sɛ, “Mma hwee nha wo. Sɛ me mmarima no kɔdi dwuma bi baabi a, memmma wɔn kwan mma wɔmmfa wɔn ho nka mmaa. Na sɛ wɔtena ase kronn wɔ akwantuo teta mu a, adɛn enti na saa dwumadie a ɛho hia yie yi, wɔntumi ntena kronnyɛ mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Dawid bua see ɔsɔfo no sɛ: Ampa, nnansa ni a misiim yi, yennyaa ɔbea ho kwan da; ɔkwan hunu a yɛretu no mu mpo, na mmerante no ade ho tew, na menne nnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn ade ho tew yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 21:5
10 Iomraidhean Croise  

Na Mose siane firii bepɔ no so baa ɔman no nkyɛn, na ɔdwiraa ɔman no ho, na wɔsii wɔn ntadeɛ.


Na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsiesie mo ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no. Monnkɔ mo yerenom ho.


Na fa kyerɛ paanoo sisi ɛpono no so wɔ m’anim daa.


na ɛnyɛ Aaron ne ne mma deɛ, na wɔnni wɔ deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ so ma no, ɛyɛ daa kyɛfa.


na ɔfaa apiti kɛntɛn a ɛsi AWURADE anim no mu apiti taterɛ baako ne ngo paanoo taterɛ baako ne ɔfam baako de guu sradeɛ ne srɛ nifa no so,


Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ ara, na oyi ne adwumadeɛ a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma anim.


Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ ɛberɛ kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasane ahyia mu bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛ so ansɔ mo anhwɛ.


Na sɛ ɔpɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ mohunu amane sɛ papayɛfoɔ a, ɛyɛ kyɛne sɛ mohunu sɛ bɔneyɛfoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan