Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 20:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na yɛ w’akoa adɔeɛ, ɛfiri sɛ AWURADE apam mu na woama wo ne w’akoa ahyɛne; na sɛ amumuyɛ bi wɔ me mu a, wo ara ku me, na adɛn nti na wode me rekɔma w’agya?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na yɛ w’akoa adɔeɛ, ɛfiri sɛ AWURADE apam mu na woama wo ne w’akoa ahyɛne; na sɛ amumuyɛ bi wɔ me mu a, wo ara ku me, na adɛn nti na wode me rekɔma w’agya?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Da saa adɔe yi adi kyerɛ me, sɛ adamfo a maka ntam adi nsew akyerɛ wo, efisɛ yɛn nyinaa wɔ apam wɔ Awurade anim. Na sɛ ɛnte saa, na mayɛ bɔne atia wʼagya a, wo ara kum me. Nanso mesrɛ wo, nyi me mma.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛda saa adɔeɛ yi adi kyerɛ me, sɛ adamfo a maka ntam adi nse akyerɛ wo, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa wɔ apam wɔ Awurade anim. Na sɛ ɛnte saa, na mayɛ bɔne atia wʼagya a, wo ara kum me. Nanso, mesrɛ wo, nyi me mma.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na yɛ w’akoa adɔe, efisɛ AWURADE apam mu na woama wo ne w’akoa ahyɛn; na sɛ amumɔyɛ bi wɔ me mu a, wo ara kum me, na ɛdɛn nti na wode me rekɔma w’agya?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 20:8
16 Iomraidhean Croise  

Na afei sɛ mo ara moreyɛ me wura adɔeɛ adi no nokorɛ a, monka nkyerɛ me; na sɛ ɛnte saa a, monka nkyerɛ me, na mennane memfa nifa anaa benkum.


Na Israel nna duruu sɛ ɔbɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w’anim adom a, fa wo nsa ka m’asene mu, na yɛ me adɔeɛ di me nokorɛ, na nsie me Misraim!


Na Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, masoma ama wɔaba wo nkyɛn sɛ: Bra ha na mensoma wo ɔhene nkyɛn sɛ: Ɛdeɛn nti na mefiri Gesur mebaeɛ? Ɛyɛ ma me sɛ anka meda so mewɔ hɔ. Na afei mɛhunu ɔhene anim; na sɛ ɛso bi da me so a, ɔnku me.


Na Dawid firii adi baa wɔn anim na ɔbua see wɔn sɛ: Sɛ asomdwoeɛ so na moreba me nkyɛn, sɛ morebɛboa me a, ɛnneɛ mɛnya mo ho akoma pa sɛ yɛbɛyɛ baako. Na sɛ moreba abɛyi me ama m’atamfoɔ, nanso amumuyɛ biara nni me nsam yi, ɛnneɛ yɛn agyanom Nyankopɔn bɛhwɛ na wabu atɛn.


Mekaa m’akomatuo mu sɛ: Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.


Mma adɔeɛ ne nokorɛ nnnyaa wo; fa kyekyere wo kɔn, twerɛ no w’akoma pono so.


Na sɛ medi fɔ anaasɛ mayɛ biribi a ɛsɛ owuo a, menhwehwɛ sɛ owuo no bɛpare me; na sɛ nnoɔma a wɔde rebɔ me kwaadu yi mu biara nyɛ nokorɛ a, obiara ntumi mfa me nhyɛ wɔn nsa. Ɛnneɛ mede asɛm no medane Kaesare.


Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn kra nsi mo ananmu nwu, sɛ woanka yɛn asɛm yi ankyerɛ, na ɛba sɛ AWURADE de asase yi ma yɛn a, yɛne wo bɛdi no adɔeɛ ne nokorɛ so.


Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, ɔno na ɔnim, na Israel nso nhunu, yɛyɛɛ no atuateɛ mu anaa AWURADE fom mu na yɛyɛeɛ a, nnye yɛn nkwa nnɛ!


Na Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom baanu no sɛ: Monsane nkɔ mo nanom fie. AWURADE ne mo nni no yie sɛdeɛ mo ne awufoɔ no ne me adi no yi.


Na ɔne Saulo kasa wieeɛ no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ ɔno ara ne kra.


Na Yonatan ne Dawid pam apam bi, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no sɛ ɔno ara ne kra.


Na Yonatan ne Dawid fie pamee sɛ: AWURADE ntɔ Dawid atamfoɔ were.


Na Yonatan se: Ɛmpare wo sɛ, sɛ menim sɛ m’agya akyere sa bɔne de reba wo so a, merenka menkyerɛ woɔ.


Na wɔn baanu pamee AWURADE anim. Na Dawid tenaa Hores, na Yonatan kɔɔ ne fie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan