Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 20:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Hwɛ, ɔkyena na ɔsrane fire a ɛsɛ sɛ anka me ne ɔhene kɔtena adidiiɛ; nanso ma menkɔ nkɔhunta wiram nkɔsi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anwummerɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Hwɛ, ɔkyena na ɔsrane fire a ɛsɛ sɛ anka me ne ɔhene kɔtena adidiiɛ; nanso ma menkɔ nkɔhunta wiram nkɔsi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anwummerɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Dawid buae se, “Ɔkyena yebedi Ɔsram Foforo Afahyɛ. Bere biara, sɛ dapɔnna no du saa a, me ne ɔhene to nsa didi. Nanso ɔkyena de, mɛkora me ho wɔ wuram ara kosi ne nnansa so anwummere.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Dawid buaa sɛ, “Ɔkyena yɛbɛdi Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ. Ɛberɛ biara, sɛ dapɔnna no duru saa a, me ne wʼagya to nsa didi. Nanso, ɔkyena deɛ, mɛkora me ho wɔ wiram ara kɔsi ne nnansa so anwummerɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Hwɛ, ɔkyena na ɔsram fi, a ɛsɛ sɛ anka me ne ɔhene kɔtena adidii; na ma menkɔ minkohintaw wuram nkosi da a ɛto so abiɛsa no anadwofa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 20:5
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔbisaa no sɛ: Adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn nnɛ yi? Ɛnyɛ ɔsrane foforɔ, na ɛnyɛ homeda. Na ɔbaa no kaa sɛ: Ɛnyɛ hwee.


Na ɛnyɛ ɔtamfoɔ na ɔbɔ me ahohora, ɛno deɛ, anka mɛtie. Ɛnyɛ deɛ ɔkyiri me na ɔkyerɛ ne ho wɔ me soɔ, anka mede me ho bɛhunta no.


Monhyɛne totorobɛnto ɔsrane foforɔ so, ɔsrane korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da.


Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta, nanso adwenemharefoɔ deɛ, wɔkɔhyɛ mu, na wɔnya asotwe.


na mobisa sɛ: Da bɛn na bosome foforɔ bɛtwam na yɛatɔn ayuo, ne homeda, na yɛabue ɛsan ano, na yɛayɛ efa ketewa, na yɛama n’abrammoɔ ayɛ kɛseɛ, na yɛakyea nsania de asisie?


Na mo anigyeɛ nna ne mo afa a mohyɛ ne mo bosome foforɔ no mu nso monhyɛne ntotorobɛnto, mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ no so, na ɛnyɛ nkaeɛ mma mo, mo Nyankopɔn anim: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na mo abosome foforɔ mfitiaseɛ nso, momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE: Anantwinini mmienu ne odwennini baako, nnwanten mma nson a wɔadi afe afe a wɔdi mu;


Ɛnna wɔtasee aboɔ sɛ wɔbɛto abɔ no, na Yesu huntae, na ɔfiri asɔrefie hɔ kɔe.


Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano; na Silas ne Timoteo deɛ, wɔtenaa hɔ.


Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduane anaa anonneɛ anaa afahyɛ anaa ɔsrane foforɔ anaa home nna fam,


Nanso Saulo ba Yonatan pɛ Dawid asɛm sɛ. Na Yonatan kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: M’agya Saulo rehwehwɛ wo aku wo, na afei, kora wo ho anɔpa, na tena kokoa bi mu hunta;


Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyena na ɔsrane fire, na wɔbɛhunu sɛ wonni hɔ, ɛfiri sɛ wo tenaberɛ bɛda mpan.


Na sɛ ɛdi nnansa a, wɔbɛhunu sɛ wonni hɔ ampa ara, ɛnneɛ na siane ntɛm bra deɛ asɛm no baeɛ no, wohuntaeɛ hɔ, na tena Esel boɔ no ho.


Ɛnna Dawid kɔhuntaa wiram. Na ɔsrane firiiɛ no, ɔhene kɔtenaa adidiiɛ.


Na adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ bosome no da a ɛtɔ so mmienu a na Dawid atenaeɛ da mpan no, Saulo bisaa ne ba Yonatan sɛ: Adɛn nti na Yisai ba no amma adidie ase nnora ne nnɛ yi?


Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Biribiara a wo kra seɛ no, mɛyɛ ama wo.


Sɛ w’agya bisa m’akyiri kwan a, ɛnneɛ ka kyerɛ no sɛ: Dawid asrɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem, na abusua no nyinaa wɔ afirinhyia afɔrebɔ wɔ hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan