Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 20:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Na Yonatan buaa n’agya Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wɔnku no? Ɛdeɛn na wayɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

32 Na Yonatan buaa n’agya Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wɔnku no? Ɛdeɛn na wayɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Yonatan bisaa nʼagya se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wokum no? Dɛn na wayɛ?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Yonatan bisaa nʼagya sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wɔkum no? Ɛdeɛbɛn na wayɛ?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

32 Na Yonatan buaa n’agya Saul ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wonkum no? Dɛn na wayɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 20:32
17 Iomraidhean Croise  

Na Yakob bo fui, na ɔne Laban hamee, na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Me mfomsoɔ ne sɛn, na me bɔne ne sɛn na wosa me yerɛdɛdɛdɛdɛ yi?


Ɛne obufufafoɔ mmfa yɔnkoɔ, na ɛne ɔbarima niberefoɔ mmmɔ,


Mma wo honhom mmpere abohuro ho, na nkwaseafoɔ kokom na abufuo teɛ.


Yei yɛ bɔne deɛ wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa mu, sɛ nkrabea korɔ da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ adasamma akomam ma, na adammɔ wɔ wɔn akoma mu ara wɔn asetena mu, na ɛno akyiri no, wɔkɔ awufoɔ nkyɛn.


Akoma wɔ hɔ yi, ɛyɛ nnaadaa sene adeɛ nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔne pa ara, hwan na ɔbɛnya mu ahunuyɛ?


Ɛnna ɔse: Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteateaa mu dendeenden sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu!


Na ɔkaa deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Manhunu adeɛ biara a wayɛ a ɛfata sɛ wɔku no, enti mɛhwe no, na magyaa no.


Yɛn mmara ntiee onipa na ɛnhunuu deɛ ɔyɛeɛ ansa a, ɛbu no atɛn anaa?


Na Saulo too pea no, na ɔse: Mɛbɔ Dawid afam ɔfasuo ho. Na Dawid danee ne ho firii n’anim mprenu.


Na Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa kyerɛɛ n’agya Saulo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid ho bɔne; na ɔnyɛɛ wo bɔne biara, na ne nneyɛɛ nso ayɛ wo yie pii.


Na ɔde ne kra too ne nsam kɔkumm Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wohunui na w’ani gyeeɛ; na adɛn nti na worebɛyɛ mogya a ɛdi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa?


Na Dawid dwane firii Naiot wɔ Rama, na ɔba bɛkaa no Yonatan anim sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ? M’amumuyɛ ne sɛn, na me bɔne ne sɛn wɔ w’agya anim a enti ɔrehwehwɛ me aku me yi?


Sɛ ɔka sɛ: Ɛyɛ a, na asomdwoeɛ wɔ hɔ ma w’akoa, na sɛ ne bo fu a, ɛnneɛ hunu sɛ wakyere ne mu sa bɔne.


Na Ahimelek buaa ɔhene sɛ: Na wo nkoa nyinaa mu hwan na ɔyɛ ɔnokwafoɔ sɛ Dawid a ɔyɛ ɔhene ase, na ɔtie w’asɛm, na wɔdi no ni wɔ wo fie?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan