1 Samuel 20:3 - New Revised Asante Twi Bible3 Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim adom, enti na ɔse: Wɔmmma Yonatan nnhunu yei, na anyɛ no ya; na ampa ara, sɛ AWURADE te aseɛ, na wo kra nso te aseɛ yi, nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron3 Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim animuonyam, enti na ɔse: Wɔmmma Yonatan nnhunu yei, na anyɛ no ya; na ampa ara, sɛ AWURADE te aseɛ, na wo kra nso te aseɛ yi, nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm3 Dawid kaa ntam wɔ Yonatan anim se, “Wʼagya nim yɛn ayɔnkofa yi mu pefee nti, waka wɔ ne tirim se, ‘Merenka nkyerɛ Yonatan.’ Nanso sɛnea Awurade te ase na wote ase yi, anammɔn baako pɛ na ɛda me ne owu ntam.” Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm3 Ɛhɔ ara, Dawid kaa ntam wɔ Yonatan anim sɛ, “Wʼagya nim yɛn ayɔnkofa yi mu pefee enti, waka wɔ ne tirim sɛ, ‘Merenka nkyerɛ Yonatan. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede ɔhaw to no so?’ Nanso, meka wo ntam sɛ, mene owuo ntam kwan nware koraa! Mede Awurade ne wo ara wo ɔkra ka ntam!” Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON3 Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim anuonyam, enti na ose: Wɔmmma Yonatan nnhu eyi, na ɛmmmɛyɛ no yaw; na ampa ara, AWURADE te ase na wo kra nso te ase yi, ɔnammɔn pɛ na ɛda me ne owu ntam. Faic an caibideil |