Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 20:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛmpare wo, worenwu; hwɛ, m’agya renyɛ ade kɛseɛ anaa ade ketewa biara gye sɛ ɔyi me asotire ansa; na adɛn nti na m’agya de asɛm yi bɛhunta me? Ɛnte saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛmpare wo, worenwu; hwɛ, m’agya renyɛ ade kɛseɛ anaa ade ketewa biara gye sɛ ɔyi me asotire ansa; na adɛn nti na m’agya de asɛm yi bɛhunta me? Ɛnte saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yonatan teɛɛ mu se, “Ɛnyɛ nokware. Minim yiye sɛ onsusuw biribi a ɛte saa ho, efisɛ ɔka ne nsɛm nyinaa kyerɛ me; mpo, ne nsɛm nketenkete nyinaa ɔma mʼaso te. Minim sɛ ɔrentumi mfa asɛm a ɛte sɛɛ nsie me da. Ɛnte saa!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yonatan teaam sɛ, “Ɛnyɛ nokorɛ. Menim yie sɛ ɔnnwenee biribi a ɛte saa ho, ɛfiri sɛ, ɔka ne nsɛm nyinaa kyerɛ me; mpo, ne nsɛm nketenkete nyinaa ɔma mʼaso te. Menim sɛ ɔrentumi mfa saa asɛm a ɛte sɛɛ nsie me da. Ɛnte saa ara da!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛmpare wo, worenwu, hwɛ, m’agya renyɛ ade kɛse anaa ade ketewa bi gye sɛ oyi me asotiw ansa; na ɛdɛn nti na m’agya de asɛm yi behintaw me? Ɛnte sa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 20:2
14 Iomraidhean Croise  

Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na me wura ka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ saa adeɛ yi.


Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, woasiesie aso de ama me, wommisa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ.


Deɛ ɔne owifoɔ kyɛ adeɛ no tane ne kra, ɔte duabɔ no nso ɔnka.


AWURADE Nyankopɔn abue m’aso, na me nso mante atua mansane m’akyi.


Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ yi, na ɔde bobe turo no ama afoforɔ. Na wɔteeɛ no, wɔkaa sɛ: Onyame mpa ngu!


Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ nnoɔma a mate no m’Agya nkyɛn nyinaa maka makyerɛ mo.


ɛfiri sɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahunu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


Yei mpare yɛn sɛ yɛbɛte AWURADE anim atua, na yɛadane yɛn ho nnɛ afiri AWURADE akyi, na yɛasi afɔrebukyia abɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ aka AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia a ɛwɔ ne tenabea anim no ho.


Na ɔman no gyee so sɛ: Yei mpare yɛn sɛ yɛbɛgya AWURADE hɔ akɔsom anyame foforɔ.


Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Yonatan a wayɛ Israel mu ɔgyeɛ adwuma kɛseɛ yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ne tirinwi baako mpo rentɔ fam, ɛfiri sɛ ɔne Onyankopɔn na ayɛ adeɛ nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu.


Na Dawid dwane firii Naiot wɔ Rama, na ɔba bɛkaa no Yonatan anim sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ? M’amumuyɛ ne sɛn, na me bɔne ne sɛn wɔ w’agya anim a enti ɔrehwehwɛ me aku me yi?


Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, nyɛ danseni sɛ, sɛ ɔkyena anaa ɔkyena akyi sɛsɛɛ berɛ yi mu, mehwɛ m’agya adwene na ɛyɛ wɔ Dawid ho, na mansoma amma wo nkyɛn ammɛyi wo asotire a!


Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim adom, enti na ɔse: Wɔmmma Yonatan nnhunu yei, na anyɛ no ya; na ampa ara, sɛ AWURADE te aseɛ, na wo kra nso te aseɛ yi, nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam.


Nso na AWURADE ayi Samuel asotire da koro ansa na Saulo reba sɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan