Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 20:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na Yonatan ne Dawid fie pamee sɛ: AWURADE ntɔ Dawid atamfoɔ were.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na Yonatan ne Dawid fie pamee sɛ: AWURADE ntɔ Dawid atamfoɔ were.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Enti Yonatan ne Dawid yɛɛ apam se, “Awurade ne Dawid atamfo nni.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Enti, Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, “Awurade ntɔre Dawid atamfoɔ nyinaa ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na Yonatan ne Dawid fi pamee se: AWURADE ntɔ Dawid atamfo were.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 20:16
13 Iomraidhean Croise  

Da no ara na AWURADE ne Abram yɛɛ apam sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi mama wɔn ɛfiri Misraim asubɔnten ho de kɔsi asubɔnten kɛseɛ, Eufrate asubɔnten ho:


Na ɔhene faa Aia babaa Rispa mmammarima mmienu a ɔwo maa Saulo, Armoni ne Mefiboset ne Saulo babaa Mikal mmammarima nnum a ɔwo maa Meholatni Barsilai ba Adriel no,


Na Safan ba Ahikam ba Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima no ntam sɛ: Monnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafoɔ no, montena asase no so na monsom Babel hene, na ɛnsi mo yie.


Sɛ wohyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ a, nyɛ nyaa sɛ wobɛtua, ɛfiri sɛ ɔbɛhwehwɛ no wo hɔ, na adane wo bɔne.


Sɛ yɛsii afɔrebukyia sɛ yɛresane afiri AWURADE akyi anaasɛ yɛrebɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ anaasɛ yɛrebɔ so asomdwoeɛ afɔdeɛ a, ɛnneɛ AWURADE mmɛbisa.


Na Yonatan ne Dawid pam apam bi, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no sɛ ɔno ara ne kra.


Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefoɔ ne w’asefoɔ ntam nkɔsi daa. Na ɔsii mu kɔeɛ; na Yonatan baa kuro no mu.


Sɛɛ mo nyinaa moapam me tiri so, na obiara nni hɔ a oyi me asotire, sɛ me ba ne Yisai ba no apam, na mo mu biara nni hɔ a ɔdi me ho ya na ɔyi me asotire sɛ me ba de m’akoa agyina hɔ ne me redi asie, sɛ ɔntɛ me sɛdeɛ ɛte nnɛ yi?


Na wɔn baanu pamee AWURADE anim. Na Dawid tenaa Hores, na Yonatan kɔɔ ne fie.


Sɛ ɛkɔsi ɔkyena anɔpa, megya n’adeɛ a ɔwɔ nyinaa mu onini baako sei mpo a, Onyankopɔn nyɛ Dawid atamfoɔ saa na ɔnka ho saa!


Na afei, me wura, sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, AWURADE asianka wo, na woammɛdi mogya ho so sɛ wode wo ara wo nsa bɛtɔ were. Na afei ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal.


Na Filistifoɔ tu saa Saulo ne ne mma, na Filistifoɔ no kumm Saulo mma Yonatan ne Abinadab ne Malkisua.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan