Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 20:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, nyɛ danseni sɛ, sɛ ɔkyena anaa ɔkyena akyi sɛsɛɛ berɛ yi mu, mehwɛ m’agya adwene na ɛyɛ wɔ Dawid ho, na mansoma amma wo nkyɛn ammɛyi wo asotire a!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, nyɛ danseni sɛ, sɛ ɔkyena anaa ɔkyena akyi sɛsɛberɛ, mehwɛ m’agya adwene na ɛyɛ wɔ Dawid ho, na mansoma amma wo nkyɛn ammɛyi wo asotire a!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Mehyɛ bɔ wɔ Awurade Israel Nyankopɔn din mu sɛ ɔkyena akyi sesɛɛ me ne mʼagya bɛkasa, na mɛma woahu nea ɔka fa wo ho. Sɛ ɔwɔ wo ho adwene pa a meremma wo nkra biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ɔkyena akyi sɛsɛɛ, mɛhyɛ bɔ wɔ Awurade Israel Onyankopɔn din mu sɛ me ne mʼagya bɛkasa, na mɛma woahunu deɛ ɔka fa wo ho. Sɛ ɔdi wo ho adanseɛ pa a, mɛma woate no ntɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo sɛ, sɛ ɔkyena anaa ɔkyena akyi sesɛbere, mehwɛ m’agya adwene, na eye wɔ Dawid ho, na mansoma amma wo nkyɛn ammeyi wo asotiw a!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 20:12
10 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ntam a ɛda wɔn ntamu, na ɛda Dawid ne Saulo ba Yonatan ntamu no nti, ɔhene hunuu Saulo ba Yonatan ba Mefiboset mmɔbɔ.


Ɛnyɛ ɔno na ɔhunu m’akwan, na ɔkan m’anammɔn tutuo nyinaa?


Sɛ wosɔ m’akoma hwɛ, na wohwehwɛ me mu anadwo, na wonane me yiyi mu, worenhunu hwee. Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfiri m’ano.


Ɔbarima akoma mu agyinatuo te sɛ nsuo a emu dɔ, nso deɛ ɔwɔ nhunumu bɛsa.


Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, ɔno na ɔnim, na Israel nso nhunu, yɛyɛɛ no atuateɛ mu anaa AWURADE fom mu na yɛyɛeɛ a, nnye yɛn nkwa nnɛ!


Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra ma yɛmfiri nkɔ wiram. Na wɔn baanu firii adi kɔɔ wiram.


Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma ammɛyi wo asotire, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoeɛ mu a, AWURADE nyɛ me Yonatan saa na ɔnka ho saa! Na AWURADE nni w’akyi sɛdeɛ ɔdi m’agya akyire no.


Na wɔn baanu pamee AWURADE anim. Na Dawid tenaa Hores, na Yonatan kɔɔ ne fie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan