Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 2:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so, na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so, na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔbɛbɔ onyamesurofo ho ban, na amumɔyɛfo bɛyera esum mu. “Sɛ ahoɔden mu nko de a, obiara renni nkonim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔbɛbɔ nyamesurofoɔ ho ban, na amumuyɛfoɔ bɛyera esum mu. “Sɛ ahoɔden mu nko deɛ a, obi renni nim;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Ɔbɛhwɛ n’ahotefo anan so, na atirimmɔdenfo bɛyera esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bedi nim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 2:9
41 Iomraidhean Croise  

Wɔbɛsum no afiri hann mu akɔ sum mu, na wɔapam no afiri wiase.


Fa wɔn nyinaa sie dɔteɛ mu, na ma wɔn anim ntintim ahuntaeɛm,


Na mmɔborɔni nya anidasoɔ, na amumuyɛ mua n’ano.


Na wobɛhunu sɛ wo ntomadan si hɔ dwoodwoo, na wohwɛ wo tenabea a, worenhunu sɛ atɔ mu.


Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.


Na ɔde wɔn ne dwetɛ ne sika firi kɔe, na onipa a ɔyɛ mmerɛ biara nni ne mmusuakuo mu.


Ɔremma wo nan nwatiri, deɛ ɔhwɛ woɔ no rentɔ nko.


AWURADE ne wo hwɛfoɔ, AWURADE ne wo nwunu, wo nsa nifa so.


AWURADE bɛhwɛ w’adifire ne wo fieba so afiri seesei de akɔsi daa.


AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefoɔ nyinaa deɛ, ɔbɛsɛe wɔn.


AWURADE mma m’anim nngu ase, na mesu mefrɛ wo. Ma abɔnefoɔ anim ngu ase, na wɔntotɔre mum Asamando.


ɛfiri sɛ AWURADE dɔ atɛntenenee, na ɔrennya n’ahotefoɔ. Ɔhwɛ wɔn so daa, na abɔnefoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛyi wɔn hɔ.


Sɛ mese me nan rewatiri a, wo, AWURADE, w’adɔeɛ na ɛwowa me.


Mo a modɔ AWURADE, monkyiri bɔne. Ɔhwɛ n’ahotefoɔ kra so, ɔbɛyi wɔn afiri abɔnefoɔ nsam.


Onipa akoma na ɛdwene ne kwan ho, na AWURADE na ɔsisi n’anammɔn.


sɛ ɔbɛkari atemmuo akwan, na wahwɛ n’ahotefoɔ kwan so.


Na AWURADE bɛyɛ w’ahodasodeɛ, na ɔbɛkora wo nan afiri ɛkyerɛ mu.


Nso ne nna nyinaa, esum mu na ɔdidiiɛ, na n’abufuo ne ne yadeɛ ne n’awerɛhoɔ dɔɔso.


Mesane mehunuu owia yi ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefoɔ deɛ ne ammirikatuo, na ɛnyɛ nnɔmmarima deɛ ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafoɔ deɛ ne aduane, na ɛnyɛ nhunumufoɔ deɛ ne ahonya, na ɛnyɛ animdefoɔ deɛ ne animuonyam, na ɛberɛ ne asiane to wɔn nyinaa.


Me, AWURADE, na mehwɛ so, megu so nsuo berɛ nyinaa mu; mehwɛ no awia ne anadwo, na hwee ammɛyɛ no.


Tena ase dinn, na kɔ sum mu, O Kaldeafoɔ babaa, na wɔremfrɛ wo ahennie ahodoɔ no awuraa bio.


Yɛda so tete hɔ reyɛ dɛn? Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛne nkuro a ɛyɛ den mu, na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ, na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owuo, na wama yɛn nsuo a borɔ wɔ mu anom, ɛfiri sɛ yɛayɛ AWURADE bɔne.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Mma onyansafoɔ nnhyehyɛ ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfoɔ nnhyehyɛ ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefoɔ nso nnhyehyɛ ne ho n’ahodeɛ ho,


Na n’atamfo deɛ ɔde nsuo a ayiri sram soɔ bɛma wɔn sibea ayera, na wati wɔn akɔduru esum mu.


Ɛda no yɛ anibereɛ da, ahohiahia ne ahokyere da, ɔsɛeɛ ne amamfoyɛ da, esum ne kusuuyɛ da, mununkum ne kusukuukuu da,


Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ.


AWURADE nhyira wo, na ɔnhwɛ wo so;


na ahennie mma no deɛ, wɔbɛto wɔn akɔgu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.


Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu.


Aane, ɔdɔ ne man, n’akronkronfoɔ nyinaa wɔ ne nsam. Na wɔn deɛ, wɔtete wo nan ase na wɔtie w’asɛm.


a wɔnam gyidie so wɛn mo wɔ Nyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagyeɛ a wɔasiesie sɛ wɔrebɛyi no adie ɛberɛ a ɛdi akyire no mu.


Yeinom yɛ mmura a nsuo nni mu, suwisie a mframa bɔ huu de rekorɔ, wɔn na wɔde esum kabikabi asie wɔn.


Yuda, Yesu Kristo akoa, ne Yakobo nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Nyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:


ɛpo asorɔkyeɛ a ɛhuru a ɛpu wɔn ara wɔn aniwuo guo, nsoromma a ɛkyinkyini a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa.


Adɔfo, ɛnam sɛ merebɔ mmɔden nyinaa matwerɛ nkwagyeɛ a ɛyɛ yɛn nyinaa dea no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ metwerɛ mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidie a wɔde ama ahotefoɔ prɛko no ho.


Na afei, me wura, sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, AWURADE asianka wo, na woammɛdi mogya ho so sɛ wode wo ara wo nsa bɛtɔ were. Na afei ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan