Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 2:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama no anya animuonyam adwa so atena. Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama no anya animuonyam adwa so atena. Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔpagyaw ohiani fi mfutuma mu Yiw, oyi no fi nsosiw mu! Ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma, de wɔn tena anuonyam ahengua so. “Efisɛ asase fapem yɛ Awurade de, na watoto wiase sɛnea ɛsɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔpagya ohiani firi mfuturo mu aane, ɔyi no firi nsosie mu; ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma de wɔn tena animuonyam nkonnua so. “Ɛfiri sɛ, asase fapem yɛ Awurade dea, na watoto ewiase sɛdeɛ ɛsɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama wanya anuonyam agua so atena. Na asase nnyinaso yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 2:8
31 Iomraidhean Croise  

Na Farao soma maa wɔkɔfrɛɛ Yosef, na wɔyɛɛ ntɛm yii no firii afiase hɔ; na ɔyii ne tirinwi, na ɔsakyeraa ne ntadeɛ, na ɔbaa Farao anim.


Wobɛdi me fie so, na w’anomu asɛm so na me man nyinaa bɛdie, gye ahennwa nko so na mɛsene woɔ.


Na afei kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Me na mefaa wo firii nnwanhwɛbea, firii nnwan akyiridie sɛ bɛyɛ me man Israel so hene.


Ɛsiane sɛ mama wo so afiri mfuturo mu, na masi wo me man Israel so panin, na woafa Yeroboam kwan soɔ, na woama me man Israel ayɛ bɔne ama wɔde wɔn bɔne ahuru me bo yi nti,


Ɛnna ɔsɔre kɔɔ ɛdan no mu, na ɔhwiee ngo no guu n’atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Masra wo masi wo AWURADE man Israel so hene.


na ɔkaa sɛ: Adagya na mede mefiri me na yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. AWURADE de mae, na AWURADE afa, nhyira nka AWURADE din.


Na ɔfaa kyɛmferɛ bi sɛ ɔde redwi ne ho na ɔtenaa nso mu.


Tete nteredee na wohyɛɛ asase aseɛ, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.


Ɔde asase atim ne nnyinasoɔ so, na anhinhim da biara da.


Na ɔmaa ohiani so firii amanehunu mu, na ɔyɛɛ wɔn mmusua sɛ nnwankuo.


Na ɔno na ɔhyɛɛ aseɛ, ɛpo so, na ɔde atintim asukɛseɛ soɔ.


Asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa mu hodwo a, me na mede mu afadum mesisi hɔ.


Mese ahokyerɛfoɔ sɛ: Monnyɛ ahokyerɛ. Na mese abɔnefoɔ sɛ: Mommma abɛn no so.


na mmom Onyankopɔn na ɔbu atɛn, ɔbɛbrɛ oyi ase, na wama oyi so.


Na obi firi nneduafoɔ dan mu bɛdii hene, nso wɔwoo no hiani n’ahennie asase no so.


Na mɛyɛ no sɛ pɛɛwa abɔ deɛ ɛhɔ yɛ den, na wayɛ animuonyam adwa ama n’agya fie;


Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛseɛ, na ɔmaa no ayɛyɛdeɛ akɛseɛ bebree, na ɔmaa no dii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafoɔ nyinaa so mpanimfoɔ mu titire.


Awɛmfoɔ kronkron yi agyina so na asɛm yi nam, na akronkronfoɔ asɛm so na adeɛ yi sie, deɛ ɛbɛyɛ na ateasefoɔ ahunu sɛ: Deɛ ɔwɔ ɔsorosoro na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu ahobrɛasefoɔ si soɔ.


Na Daniel yi kyɛnee aberempɔn ne amantam ahemfo no, ɛfiri sɛ na honhom a ɛkyɛne soɔ wɔ ne mu. Na ɔhene no yɛɛ sɛ ɔde no bɛsi ahemman no nyinaa so.


Ɔno ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma nyinaa mu no, ɔde ɔno ara ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa animuonyam kɛseɛ no nifa so ɔsorosoro,


Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?


na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfoɔ mma n’Agya Nyankopɔn no, ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.


Na anadwo nni hɔ, na kanea anaa owia hann nhia wɔn, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so. Na wɔbɛdi ahene daa daa.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.


na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfoɔ ama yɛn Nyankopɔn, na wɔbɛdi asase so ahene.


Na Samuel kaa sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa deɛ, nanso ɛnyɛ wone Israel mmusuakuo ti? AWURADE sraa wo ngo sɛ di Israel so hene;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan