Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 2:35 - New Revised Asante Twi Bible

35 Na mɛma ɔsɔfoɔ nokwafoɔ so mafa, ɔbɛyɛ deɛ ɛwɔ m’akoma ne me kra mu, na mɛkyekyere efie a ɛtim hɔ mama no, na wanante deɛ masra no no anim nna nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

35 Na mɛma ɔsɔfoɔ nokwafoɔ so mafa, ɔbɛyɛ deɛ ɛwɔ m’akoma ne me kra mu, na mɛkyekyere efie a ɛtim hɔ mama no, na wanante deɛ masra no no anim nna nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

35 Ɛno akyi masi ɔsɔfo foforo a ɔyɛ ɔnokwafo a ɔbɛsom me, na wayɛ nea mɛkyerɛ no sɛ ɔnyɛ biara. Mehyira nʼasefo, na ne fifo bɛyɛ ahene a mɛsra wɔn ngo no asefo akosi daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

35 Ɛno akyi masi ɔsɔfoɔ foforɔ a ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛsom me, na wayɛ deɛ mɛkyerɛ no sɛ ɔnyɛ biara. Mɛhyira nʼasefoɔ, na ne fiefoɔ bɛyɛ ahene a mɛsra wɔn ngo no asefoɔ akɔsi daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

35 Na mɛma ɔsɔfo nokwafo so mafa: Ɔbɛyɛ nea ɛwɔ me koma ne me kra mu, na mɛkyekye ofi a etim hɔ mama no, na wanantew nea masra no no anim nna nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 2:35
28 Iomraidhean Croise  

ɛberɛ a mehyɛɛ atemmufoɔ sɛ wɔnni me man Israel soɔ no; na mɛma woahome afiri w’atamfo nyinaa nsam. Na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ AWURADE na ɔbɛkyekyere efie ama woɔ.


Na wo, asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, woayi w’akoa asotire sɛ: Mɛkyekyere efie mama wo, enti na w’akoa asi ne bo rebɔ wo saa mpaeɛ yi.


na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan asra no de no asi hene Gihon, na wɔde anigyeɛ de no aforo afiri hɔ aba, na kuro no mu ayɛ hoo: Ɛno ne gyegyeegye a moteeɛ no.


Na Ɔsɔfoɔ Sadok, Yoiada ba Benaia, Odiyifoɔ Natan, Simei, Rei ne Dawid nnɔmmarima no deɛ, na wɔnni Adoniya afa.


Na sɛ wotie deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa na wonante m’akwan so na woyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, sɛ wobɛdi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ m’akoa Dawid yɛeɛ no a, ɛnneɛ mɛdi w’akyi na masi efie a ɛtim hɔ mama wo; sɛdeɛ mesi memaa Dawid no, na mede Israel mama wo.


Na ɔhene de Yoiada ba Benaia sii n’ananmu dii ɛdɔm no so, na Ɔsɔfoɔ Sadok nso, ɔhene de no sii Abiatar ananmu.


Na wɔde anigyeɛ kɛseɛ didi nomee, AWURADE anim da no. Na wɔsii Dawid ba Salomo hene ne mprenu so, na wɔsraa no ngo maa AWURADE sɛ bapɔmma, na Sadok nso wɔhyɛɛ no ɔsɔfoɔ.


sɛ wone deɛ ɔma ne hene nkwagyeɛ soɔ, na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ, Dawid ne n’asefoɔ daa.


Asase so ahemfo sɔre gyina, na atumfoɔ bom tu agyina tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ,


Na ɛsiane sɛ awogyefoɔ no suro Onyankopɔn nti, ɔmaa wɔn afie mu yɛɛ yie.


Na mede odwanhwɛfoɔ baako bɛsi wɔn so na wayɛne wɔn, ɔno ne m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛne wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfoɔ;


na ayɛ ɔno ne n’asefoɔ a wɔbɛba n’akyire no daa asɔfodie apam, ɛfiri sɛ watwe ninkunu ama ne Nyankopɔn, na wapata ama Israelfoɔ.


Enti ɛhiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nnoɔma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛ sɔfo panin, Nyankopɔn fam nnoɔma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.


Na wɔduruu kokoɔ no so hɔ no, hwɛ, adiyifoɔ asafo bɛhyiaa no, na Nyankopɔn honhom bɛsii ne so, na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ wɔn mu.


Na ɔdanee ne ho sɛ ɔrefiri Samuel nkyɛn akorɔ no, Onyankopɔn maa no akoma foforɔ; na nsɛnkyerɛnneɛ yi nyinaa baa mu da no ara.


Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo.


Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so, ɛfiri da no ara de rekorɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


Na deɛ ɔbɛka wo fie no bɛba abɛkoto no agye dwetɛbena ne paanoo mua, na waka sɛ: Mesrɛ wo, fa me hyɛ asɔfoɔ adwuma no baako bi mu, na manya paanoo sini madi.


Fa ɛso yi kyɛ w’afenaa ɛ! Na ampa ara AWURADE bɛkyekyere efie a atim ama me wura, ɛfiri sɛ me wura reko ama AWURADE, na wɔrenhunu wo mu bɔne biara wo nna nyinaa.


Na abɔfra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛ na nna no mu, na anisoadehunu ntaa mma.


Na Samuel faa odwanten ba a ɔnum de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu maa AWURADE; na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so.


Nanso ne mma amfa n’akwan so, na wɔmane kɔdii mfasoɔ akyi, na wɔgyegyee adanmudeɛ, na wɔbubuu ntɛnkyea.


Na wɔbuaa wɔn sɛ: Ɔwɔ hɔ, hwɛ, ɔwɔ w’anim ha yi ara. Yɛ ntɛm, na ɛnnɛ waba kuro no mu, na ɔman no bɔ afɔdeɛ nnɛ, sorɔnsorɔnbea hɔ.


Moduru kuro no mu ara pɛ a, mobɛhu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔnbea hɔ akɔdidi; ɛfiri sɛ ɔman no nnidi kɔsi sɛ ɔbɛba, na ɔno na ɔhyira afɔdeɛ no soɔ ansa na wɔn a wɔahyia wɔn no adidi. Enti momforo nkɔ, na berɛ yi ara na mobɛhu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan